Publicidade

Zacarias 2

Onipa A Ɔkura Susuhoma No

1 Afei memaa mʼani so, na mehunuu ɔbarima bi a ɔkura susuhoma ɔgyina mʼanim! 2 Mebisaa no , "Ɛhe na worekɔ?" Ɔbuaa , "Merekɔsusu Yerusalem, ahunu ne tɛtrɛtɛ ne ne tentene."

3 Na ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no kɔɔeɛ, na ɔbɔfoɔ foforɔ bɛhyiaa no 4 na ɔka kyerɛɛ no , "Tu mmirika, ka kyerɛ saa aberanteɛ no , Yerusalem bɛyɛ kuropɔn a ɛnni afasuo ɛsiane nnipa ne mmoa dodoɔ a wɔwɔ mu enti. 5 Na mʼankasa mɛyɛ ogya fasuo, atwa ho ahyia,sɛdeɛ Awurade seɛ nie, na mayɛ ne mu animuonyam.

6 "Mommra! Mommra! Monnwane mfiri atifi asase no so," Awurade seɛ nie, "Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa ɛnan no," sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

7 "Mommra, Ao Sion! Monnwane mo a mote Babilonia!" 8 Ɛfiri sei na Asafo Awurade seɛ, "Onimuonyamfoɔ no asoma me akɔtia aman a wɔafo wo nneɛma no. Ɛfiri , deɛ ɔde ne nsa bɛka wo biara no de nsa aka AWURADE aniwa kosua. 9 Nokorɛm mɛma me nsa so de atia wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nkoa bɛfom wɔn nneɛma. Na ɛbɛma woahunu Asafo Awurade na wasoma me.

10 "Team na ma wʼani nnye, Ao, Ɔbabaa Sion. Ɛfiri , mereba, na mene mo bɛtena," sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 11 "Aman bebree bɛka Awurade ho saa ɛda no na wɔabɛyɛ me nkurɔfoɔ. Me ne mo bɛtena, na mobɛhunu , Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. 12 Awurade bɛfa Yuda nʼagyapadeɛ asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio. 13 Monyɛ komm Awurade anim, adasamma nyinaa, ɛfiri wakanyane ne ho nʼatenaeɛ kronkron ."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-