Pular para o conteúdo
Publicidade

Pais

Por Bíblia Online

Deus é nosso Pai celestial — amoroso, provedor, disciplinador e fiel. As Escrituras também honram os pais terrenos e os chamam a criar os filhos na instrução do Senhor.

O Pai celestial

Deus é Pai de misericórdias. Ele nos adotou como filhos, nos ama incondicionalmente e cuida de cada detalhe da nossa vida.

Onyankopɔn Mma

Monhwɛ ɔdɔ a Agya no yɛn. Ne a ɔdɔ yɛn no mu den nti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokware nso. Ne saa nti wiase nnim yɛn efisɛ ennim Onyankopɔn.

Onyankopɔn Mma

Monhwɛ ɔdɔ a Agya no yɛn. Ne a ɔdɔ yɛn no mu den nti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokware nso. Ne saa nti wiase nnim yɛn efisɛ ennim Onyankopɔn.

Efisɛ moannya honhom a ɛma mo nkoa bio ma osuro, na mmom moanya mmayɛ Honhom na yɛnam ne so su se, "Abba, Agya!" Na Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse yɛyɛ Onyankopɔn mma.

Na wɔn a wogyee no, na wogyee ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma

Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Sɛnea agya yam hyehyew no ne mma ho no,

saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wosuro no no;

Sɛnea agya yam hyehyew no ne mma ho no,

saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wosuro no no;

na onim sɛnea wɔyɛɛ yɛn,

ɔkae se yɛyɛ mfutuma.

Ayisaa agya ne nea odi akunafo asɛm ma wɔn

ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenae kronkron .

Nanso wo, Awurade, ne yɛn Agya.

Yɛyɛ dɔte, na wo ne ɔnwemfo no;

yɛn nyinaa wo nsa ano adwuma.

Nanso wo ara wo ne yɛn Agya

ɛwɔ mu, Abraham nnim yɛn

na Israel nso nnye yɛn nto mu de;

nanso wo, Awurade, wo ne yɛn Agya;

efi tete, wo din ne; Yɛn Gyefo.

Na wɔawo akokoaa ama yɛn,

wɔama yɛn ɔbabarima,

na amammui no bɛda ne mmati so.

Na wɔbɛfrɛ no

Ɔfotufo Nwonwani, Otumfo Nyankopɔn,

Daa Agya, Asomdwoe Wura.

Na wɔawo akokoaa ama yɛn,

wɔama yɛn ɔbabarima,

na amammui no bɛda ne mmati so.

Na wɔbɛfrɛ no

Ɔfotufo Nwonwani, Otumfo Nyankopɔn,

Daa Agya, Asomdwoe Wura.

O cuidado paterno de Deus

O Pai celestial sabe do que precisamos antes de pedirmos. Ele dá boas dádivas aos filhos que pedem e cuida até dos passarinhos.

Monhwɛ wim nnomaa, wonnua aba na wontwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduan di. Monnsom bo nsen wɔn ana?

Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Nkasanoma abien bo nyɛ sika kakraa bi ? Nanso akasanoma biara nni a obewu a mo Agya no nnim ho biribi. Mo tinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sen nkasanoma.

wobɔ mpae a, hyɛn wo dan mu, na to wo pon mu, na wʼAgya a wonhu no no mpae, na wʼAgya a onim kokoa mu nsɛm no betua wo ka.

wudi mmuada a, serɛn wo ti, na hohoro wʼanim, na ma wʼanim nyɛ frɔmfrɔm, na mma nnipa nhu woredi mmuada, gye wʼAgya a ohu nea woyɛ kokoa mu nyinaa no nko ara; na wʼAgya a onim kokoa mu nsɛm nyinaa no betua wo ka.

"Agya bɛn na ɔwɔ mo mu na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɔbo, anaasɛ obisa no apataa a ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ obisa nkesua a ɔbɛma no akekantwɛre? Na mo a moyɛ nnebɔneyɛfo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wobisa no no?"

"Kuw ketewa, munnsuro efisɛ ɛyɛ mo Agya no ɔde ahenni no bɛma mo.

Akyɛde pa ne akyɛde a ɛyɛ nyinaa fi ɔsoro; efi Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sunsuma.

Nea wankame nʼankasa ne Ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?

Conhecer o Pai

Jesus é o caminho para o Pai. Ninguém conhece o Pai senão o Filho e aquele a quem o Filho quiser revelar.

Yesu buae se, "Mene ɔkwan ne nokware ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no , gye ɔfa me so."

Tenabea bebree mʼAgya fi, ɛno nti merekɔ akosiesie baabi ama mo. asɛm a mereka yi nyɛ nokware a anka merenka nkyerɛ mo.

Na biribiara a mubebisa me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛnea ɛbɛyɛ a Agya no anuonyam nam ne Ba no so bɛda adi.

Obiara a odi mʼahyɛde so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no."

Yesu buaa no se, "Obiara a ɔdɔ me no bedi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena.

Obiara nhuu Onyankopɔn da, gye ne Ba koro no a ɔno nso Onyankopɔn no, nea ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.

Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. MʼAgya a ɔde wɔn maa me no tumi sen obiara, na obiara rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. Me ne Agya no baako."

"Agya, mepɛ wɔn a wode wɔn maa me no bɛka me ho faako a mewɔ no, na wɔahu mʼanuonyam, anuonyam a wode maa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wobɔɔ wiase.

"Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no ɔda no adi kyerɛ wɔn.

Enti monyɛ sɛnea mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no no.

"Mommma obiara mmfrɛ mo sa. Efisɛ Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ Owura. Mo nyinaa moyɛ anuanom. Mommfrɛ obiara asase so ha Agya,efisɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no nko ara na ɛsɛ wɔfrɛ no saa.

Munnim metumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfo mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban?

Monyɛ mmɔborɔhunufo sɛnea mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mmɔborɔhunufo no.

Anuonyam nka yɛn Agya Nyankopɔn daa daa. Amen.

Disciplina e amor paterno

O Pai disciplina os filhos que ama. A correção divina produz fruto de justiça e paz para aqueles que foram exercitados por ela.

Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, munnhinhim na momfa no Agya no nteɛso, efisɛ mo amanehunu no kyerɛ nteɛso a Onyankopɔn ma ne mma. Na dɛn nti na agya ntwe ne mma aso? wanteɛ mo ne mma no bi a, na ɛkyerɛ monnyɛ ne mma kann. yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso ma yebuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yetumi tena ase? Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛnea wɔpɛ bere tiaa bi. Nanso yɛn yiyedi nti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea yɛn ho bɛtew.

Me ba, Awurade teɛ wo so a, tie no yiye,

na mmu nʼanimka so,

Efisɛ, obiara a Awurade nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,

sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no.

Me ba, Awurade teɛ wo so a, tie no yiye,

na mmu nʼanimka so,

Efisɛ, obiara a Awurade nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,

sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no.

Pais terrenos

A Bíblia honra os pais que criam os filhos nos caminhos de Deus. Honrar pai e mãe é mandamento com promessa de vida longa.

Mma Ne Awofo

Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu efisɛ saa na eye. "Di wʼagya ne wo na ni," eyi ne mmaransɛm a edi kan a bɔhyɛ ka ho, "na asi wo yiye na wo nna nso aware asase yi so."

Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn Awurade nkyerɛkyerɛ mu.

Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn Awurade nkyerɛkyerɛ mu.

Di wʼagya ne wo na ni na wo nna aware asase a Awurade, wo Nyankopɔn, de rema wo no so.

Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ

Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ

na mpo wo na nkyerɛkyerɛ.

Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam abotiri

ne wo kɔn mu atweaban.

Ɔtreneeni agya anigye bebree;

nea ɔwɔ ɔba nyansafo no ani gye ne ho.

Ɔkwasea mfa nʼagya nteɛso nyɛ hwee,

na nea otie nteɛso no kyerɛ ɔyɛ onitefo.

Nananom mmasiriwa anuonyam,

na awofo wɔn mma ahohoahoa.

obi dome nʼagya anaasɛ ne na a,

wobedum ne kanea sum kabii mu.

Mma, ade nyinaa mu, muntie mo awofo asɛm na eyi na ɛsɔ Onyankopɔn ani.

Agyanom, munnyi mo mma abufuw na ammu wɔn aba mu.

Mma agyapade a efi Awurade ,

na mma akatua a efi no.

Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu no

te agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.

Nhyira ne onipa a

nʼagyan kotoku ayɛ ma.

Nʼanim rengu ase

bere a wahyia nʼatamfo kurow pon ano no.

Ateasefo nko na wobetumi akamfo wo,

sɛnea mereyɛ nnɛ yi;

agyanom ka wo nokwaredi ho asɛm

kyerɛ wɔn mma.

Ɛnsɛ wokum awofo wɔn mma bɔne bi a wɔayɛ ho. Saa ara nso na ɛnsɛ wokum mma awofo bɔne bi a wɔayɛ ho. Ɛsɛ obiara wu nʼankasa bɔne ho.

Abɔde nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no kwan.

Agyanom, merekyerɛw mo,

efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no.

Mmabun, merekyerɛw mo,

efisɛ moadi ɔbonsam so.

Mma, merekyerɛw mo,

efisɛ munim Agya no.

Agyanom, merekyerɛw mo,

efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no.

Mmabun, merekyerɛw mo,

efisɛ mowɔ ahoɔden.

Onyankopɔn asɛm no te mo mu

na moadi ɔbonsam so.

Monnnɔ wiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ wiase de. modɔ wiase a, na ɛkyerɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no.

Seja o primeiro