Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 64

1 Ao, anka wubesunsuane ɔsorosoro mu, asian aba fam a,

ɛno na anka mmepɔw no ho bɛpopo wʼanim!

2 Sɛnea ogya ma mmabaa dɛw

na ɛma nsu huru no,

sian bra fam na ma wʼatamfo nhu wo din,

na ma amanaman no ho mpopo wʼanim!

3 Na bere a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yɛanhwɛ anim no,

wusian baa fam na mmepɔw no ho popoo wʼanim.

4 Efi teteete obiara ntee,

entwaa obiara aso mu,

ani biara nhuu Onyankopɔn bi wo,

nea odi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no no.

5 Woboa wɔn a wɔde anigye nea ɛteɛ,

wɔn a wɔkae wʼakwan.

Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wɔn no,

wo bo fuwii.

Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa?

6 Yɛn nyinaa ayɛ obi a ne ho ntew,

na yɛn trenee nneyɛe nyinaa te ntamagow fi;

yɛn nyinaa akisa te ahaban,

na yɛn bɔne pra yɛn te mframa.

7 Obiara mmɔ wo din,

na obiara mpere obeso wo mu;

efisɛ wode wʼanim ahintaw yɛn

na yɛn bɔne nti woama yɛasɛe.

8 Nanso wo, Awurade, ne yɛn Agya.

Yɛyɛ dɔte, na wo ne ɔnwemfo no;

yɛn nyinaa wo nsa ano adwuma.

9 Mma wo bo mfuw ntra so, Awurade;

nkae yɛn bɔne da biara da.

Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo,

efisɛ yɛn nyinaa wo nkurɔfo.

10 Wo nkuropɔn kronkron no adan nweatam;

Sion mpo ayɛ nweatam, Yerusalem ada mpan.

11 Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ anuonyam, faako a yɛn nenanom yii wo ayɛ no,

wɔde ogya ahyew,

na nea ɛsom bo ma yɛn no, abubu.

12 Eyi nyinaa akyi, Awurade, wode wo ho bɛkame yɛn ana?

Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so ana?

Veja também