Pular para o conteúdo
Publicidade

Deuteronômio 24

1 ɔbarima ware yere na nʼani nnye ne ho bio, efisɛ wahu ade bɔne bi ne ho, na ɔkyerɛw awaregyae krataa de ma no, na ɔpam no fi ne fi, 2 na ofi fi na ɔbarima foforo kɔware no, 3 na ne kunu a ɔto so abien no gyaa no anaasɛ owu a, 4 ne kunu a odi kan a ogyaa no no nni ho kwan ɔware no bio, bere a ne ho agu fi akyi no. Ɛyɛ akyiwade Awurade ani so. Mommfa afɔbu mma asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo agyapade no so.

5 ɔbarima aware foforo a, ɛnsɛ wɔde no ɔko anaasɛ wɔde dwuma bi di to no so. Ɛsɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforo a waware no no anya ahotɔ.

6 Monnnye adeyam bo ne ne boba anaa ne ba no nko ara nsi ka ano, ɛba saa a na moagye ne wura no ano aduan akagyinamde.

7 obi kyere ne yɔnko Israelni na odi no nya ɔdɔnkɔ anaa ɔtɔn no a, ɛsɛ owifo no wu. Ɛsɛ mutu bɔne ase fi mo mu.

8 Monhwɛ ɔhonam ani nsanyare nyinaa yiye na munni ho mmara a Lewifo asɔfo bɛkyerɛ mo no so. Munni ahyɛde a mede ama wɔn no so pɛpɛɛpɛ. 9 Monkae nea bere a mufi Misraim reba no Awurade, mo Nyankopɔn no, yɛɛ Miriam.

10 wode biribi fɛm wo yɔnko a, nkɔ wo yɔnko fi nkogye akagyinamde. 11 Gyina afikyiri na ma ɔyɔnko a ɔfɛm wʼade no mfa akagyinamde no mmrɛ wo. 12 ɔyɔnko no ohiani a, nkora akagyinamde no nkosi adekyee. 13 Enkosi owiatɔbere no na wode ntama no akɔma wo yɔnko no na ɔde ada. Na ɔbɛda wo ase, na wɔbɛfa no ade trenee Awurade, wo Nyankopɔn no, ani so.

14 Nhyɛ ɔpaani mmɔborɔni a ɔyɛ wo nua Israelni anaa ɔhɔho a ɔte mo nkurow no mu bi mu no so. 15 Tua nʼapaade ma no da biara ansa na owia akɔtɔ, efisɛ ɔyɛ ohiani na nʼani da saa akatua no so. Anyɛ saa a, obesu afrɛ Awurade atia wo, na wubedi bɔne ho .

16 Ɛnsɛ wokum awofo wɔn mma bɔne bi a wɔayɛ ho. Saa ara nso na ɛnsɛ wokum mma awofo bɔne bi a wɔayɛ ho. Ɛsɛ obiara wu nʼankasa bɔne ho.

17 Ɛnsɛ mubu ahɔho a wɔte mo mu ne nyisaa ntɛnkyew, anaasɛ mugye ɔbea kunafo ntama de di akagyinamu. 18 Daa monkae , na mo nso moyɛ nkoa Misraim na Awurade, mo Nyankopɔn no, na ogyee mo. Ɛno nti na mehyɛ mo monyɛ eyi no.

19 moretwa mo mfuw mu nnɔbae, na mo ani pa nnɔbae no bi so a, monnsan nkɔfa. Monnyaw ma ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so. 20 motew wo ngonnua so aba a, monkɔ so mprenu. Monnyaw aba a aka so no mma ahɔho, nyisaa ne akunafo. 21 Saa nso na motew wo bobe nturo so aba a, monkɔ so mprenu; na monnyaw aba a aka so no mma ahɔho, nyisaa ne akunafo. 22 Monkae , moyɛɛ nkoa Misraim. Ɛno nti na mehyɛ mo monyɛ eyi no.

Veja também