Pular para o conteúdo
Publicidade

Profecia

Por Bíblia Online

A profecia é a voz de Deus revelada ao seu povo. Através dos profetas, Deus comunicou seus planos, advertiu contra o pecado e anunciou a vinda do Messias.

Profecia e revelação divina

A profecia na Bíblia não é invenção humana, mas homens santos de Deus falaram movidos pelo Espírito Santo, revelando os mistérios divinos.

Na nkɔmhyɛ biara mfiri onipa mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a ɛfiri Onyankopɔn.

Ampa ara, Otumfoɔ Awurade nnyɛ biribi

a ɔnna ne nhyehyeɛ adi

nkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no.

Wɔtee saa asɛm yi no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu Awurade Yesu din mu. Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so maa wɔkaa kasa foforɔ, hyɛɛ nkɔm.

Profecias messiânicas cumpridas

As profecias do Antigo Testamento sobre o Messias se cumpriram em Jesus. Seu nascimento, ministério e sacrifício foram anunciados séculos antes.

Ɛnneɛ, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ; ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na ɔbɛfrɛ no Immanuel.

Yei nyinaa baa mu de hyɛɛ deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no ma : "Ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no edin Immanuel" a aseɛ ne , "Onyankopɔn ne yɛn ."

Sion Ɔhene Ba

Di ahurisie Ao, Ɔbabaa Sion!

Team, Ɔbabaa Yerusalem!

Hwɛ, wo ɔhene reba wo nkyɛn.

Ɔtene na ɔwɔ nkwagyeɛ,

ɔdwo, na ɔte afunumu so,

afunumu ba so na ɔteɛ.

Wɔada teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn, na ɛmfiri mmara no adi. Ɛno na Mmara no ne Adiyifoɔ no di ho adanseɛ. Saa teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn yi nam gyidie a yɛwɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ ma agyidifoɔ nyinaa. Nsonsonoeɛ biara nni mu.

Discernimento profético

A Bíblia nos alerta para examinar tudo e reter o que é bom. Nem todo que profetiza fala da parte de Deus — devemos provar os espíritos.

Nkyerɛkyerɛ Pa Ne Nkyerɛkyerɛ Bɔne

Me nuanom adɔfoɔ monnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ ɛfiri Onyankopɔn anaa. Ɛfiri , atorɔ adiyifoɔ bebree ahwete ewiase.

Me mma, mofiri Onyankopɔn mu na moadi atorɔ adiyifoɔ no so, ɛfiri , Honhom a ɛwɔ mo mu no tumi sene honhom a ɛwɔ ewiase yi mu.

Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa deɛ ɛyɛ. Na monkyiri bɔne biara.

"Monhwɛ mo ho yie atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔba mo nkyɛn ahobrɛaseɛ mu nnwan nanso wɔyɛ mpataku a wɔnya mo a, wɔbɛtete mo pasaa no ho.

Enti, sɛdeɛ mmara no ne adiyifoɔ no ka no, adeɛ biara a mopɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.

Ebia na mewɔ akyɛdeɛ a metumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa akoma; ebia na mewɔ osuahunu ne nteaseɛ ma mete ahintasɛm nyinaa ase; ebia na mewɔ gyidie a ɛma metumi tutu mmepɔ, nanso menni ɔdɔ a, menka hwee.

Enti seesei, monnyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no nnipa korɔ na mofra Onyankopɔn abusuafoɔ no mu, na wɔato mo asi asomafoɔ no ne adiyifoɔ no fapem a Kristo Yesu no ankasa ne tweatiboɔ no so.

"Sane Hesekia a ɔyɛ me nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ no nkyɛn, na kɔka kyerɛ no , Sei na Awurade a ɔyɛ wʼagya Dawid Onyankopɔn seɛ: Mate wo mpaeɛbɔ no, ahunu wo nisuo no. Mɛsa wo yadeɛ, na nnansa akyi no, wobɛsɔre afiri mpa so, na woakɔ Awurade Asɔredan mu.

Seja o primeiro