Publicidade

Atos 19

Honhom Kronkron Si Agyidifoɔ Bi So

1 Ɛberɛ a Apolo Korinto no, Paulo tuu ɛkwan faa ɔmantam no atifi kɔduruu Efeso. Ɛhɔ na ɔhunuu agyidifoɔ bi 2 bisaa wɔn , "Ɛberɛ a mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron no anaa?"

Wɔbuaa no , "Yɛntee mpo da Honhom Kronkron bi baabi."

3 Paulo bisaa wɔn bio , "Ɛnneɛ na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?"

Wɔbuaa , "Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no."

4 Paulo ka kyerɛɛ wɔn , "Yohane asubɔ no ahonu asubɔ. Ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no , wɔnnye onipa a ɔdi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni." 5 Wɔtee saa asɛm yi no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu Awurade Yesu din mu. 6 Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so maa wɔkaa kasa foforɔ, hyɛɛ nkɔm. 7 Na wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima dumienu.

8 Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm hyiadan mu abosome mmiɛnsa pɛɛ ɔsakyera nnipa no adwene. 9 Nanso, nnipa no mu bi pirimm wɔn akoma, annye nni, kasa tiaa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho atiefoɔ no anim. Enti, Paulo firii de agyidifoɔ no kaa ne ho kɔeɛ. Na Paulo kyerɛkyerɛ obi a wɔfrɛ no Tirano suadan mu daa. 10 Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafoɔ ne Helafoɔ ka ho no tee Awurade asɛm no.

Skewa Mma Baason No

11 Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwanwadeɛ akɛseakɛseɛ, 12 maa mpo ne nnuku ne nʼatadeɛ nsɛnanimu a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahonhommɔne nso.

13 Yudafoɔ bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no , "Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no , montu mfiri ne mu!" 14 Yudafoɔ sɔfopanin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ yei. 15 Honhommɔne no buaa , "Menim Yesu, na menim Paulo; na mo nso mone ɛhefoɔ?" 16 Afei, ɔbarima a honhommɔne ahyɛ no ma yi to hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn maa wɔde adagya dwane firii efie .

17 Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔte Efeso no tee asɛm yi no, wɔbɔɔ hu na wɔyii Awurade Yesu ayɛ. 18 Agyidifoɔ no mu bebree baa badwa mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kɔkoamsɛm. 19 Wɔn mu nkonyaayifoɔ pii de wɔn nkonyaayie nwoma baeɛ maa wɔhyee nnipa no nyinaa anim. Wɔbuu nwoma a wɔhyeeɛ no boɔ no na ɛyɛ nnwetɛbena ɔpeduonum. 20 Saa anwanwadeɛ ahodoɔ yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛɛ tumi so.

Basabasa A Ɛsii Efeso

21 Yeinom nyinaa akyi no Paulo yɛɛ nʼadwene ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkaa , "Meduru Yerusalem a, akyire no mɛkɔ Roma nso." 22 Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafoɔ no dii nʼanim ɛkan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra.

23 Saa ɛberɛ yi ara mu na basabasa a emu den a ɛfa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho sii Efeso. 24 Dwetɛdwumfoɔ bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. Nʼadwuma no maa nʼadwumayɛfoɔ nyaa wɔn ho sei tam. 25 Ɔfrɛfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ no ne wɔn a wɔdi saa dwuma ahodoɔ no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn , "Anuanom, monim yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadie yi so. 26 Mo ara moahunu, na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka , anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adane nnipa bebree adwene Efeso ha ne Asia nyinaa. 27 yɛanhwɛ no yie a, yɛn adwuma yi bɛgye din bɔne. Saa ara nso na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no Asia ne ewiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase."

28 Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kaeɛ no, wɔn bo fuiɛ, hyɛɛ aseɛ yɛɛ basabasa, teateaam , "Efeso Artemi kɛse!" 29 Basabasayɛ no trɛɛ kuro no mu nyinaa. Ɛdɔm no kyeree Makedoniafoɔ baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu ɛkwan no de wɔn kɔɔ adwabɔeɛ. 30 Paulo pɛɛ anka ɔkɔ adwabɔeɛ kɔhyia dɔm no, nanso asuafoɔ no amma no kwan. 31 Ɔmantam no mu mpanin no mu bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no ɔnnkɔ adwabɔeɛ .

32 Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teateaam kaa nsɛm bi, na ebinom nso teaam kaa nsɛm foforɔ bi, ɛfiri , na wɔn mu dodoɔ no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abɛhyia mu. 33 Yudafoɔ no piapiaa Aleksandro kɔgyinaa dɔm no anim ɔnkasa. Yei maa nnipa no bi susuu Aleksandro enti na wɔahyia . Afei, Aleksandro nyamaa dɔm no pɛɛ ɔkasa yi ɔno ne ne nkurɔfoɔ ano. 34 Ɛdɔm no hunuu Aleksandro Yudani no , wɔteateaam nnɔnhwere mmienu , "Efeso Artemi kɛse!"

35 Kuro no sohwɛfoɔ no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei, ɔkasa kyerɛɛ wɔn , "Efeso mmarima, obiara nim Efeso kuro yi na ɛhwɛ Artemi asɔrefie ne ohoni a ɛfiri soro bɛduruiɛ no so. 36 Obiara rentumi nnye yei ho akyinnyeɛ enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara. 37 Mode saa nnipa yi aba ha ɛberɛ a wɔnwiaa biribiara mfirii yɛn asɔrefie, nkaa asɛmmɔne biara ntiaa yɛn nyame no. 38 Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne mpanin , wɔmfa mmɛto dwa. 39 Nanso, mowɔ biribi foforɔ bi ka a, ɛsɛ ɔmanfoɔ hyia, fa mmara kwan so ka ho asɛm. 40 yɛanhwɛ yie a, wɔbɛka saa ɛnnɛ basabasayɛ yi firi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. wɔbisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyie biara." 41 Ɔkasa wieeɛ no, ɔtuu dwa no.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-