Proximidade
Deus é próximo dos que o buscam. Ele não é um Deus distante, mas presente, íntimo e acessível a todo o que o invoca com sinceridade de coração.
Buscar a presença de Deus
A Bíblia nos exorta a buscar a face do Senhor continuamente. Quem se aproxima dele encontra plenitude de alegria e delícias perpétuas.
Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden no so;
na monhwehwɛ nʼanim bere biara.
Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;
na monhwehwɛ nʼanim bere biara.
Monhwehwɛ Awurade bere a mubehu no.
Momfrɛ no bere a ɔbɛn.
Ade baako na mibisa Awurade;
na ɛno na mehwehwɛ;
sɛ mɛtena Awurade fi
me nkwanna nyinaa,
na mahwɛ Awurade ahoɔfɛ
na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefi.
Wʼadiwo hɔ da koro tena
ye sen nnafua apem wɔ baabi foforo;
mepɛ sɛ mɛyɛ ɔponanohwɛfo wɔ Onyankopɔn fi
sen sɛ mɛtena amumɔyɛfo ntamadan mu.
Woakyerɛ me nkwagye kwan,
na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim,
na anigye a ɛrensa da wɔ wo nifa so.
Deus está perto
O Senhor está perto dos que o invocam, dos quebrantados de coração e dos que clamam por socorro. Sua presença nos sustenta.
Atreneefo teɛ mu su, na Awurade tie wɔn;
oyi wɔn fi wɔn haw nyinaa mu.
Awurade bɛn wɔn a wɔn koma abotow
na ogye wɔn a wɔadwerɛw wɔn wɔ honhom mu no nkwa.
Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nyinaa. Ɛrenkyɛ Awurade bɛba.
Nanso afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn.
Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi
me nkwanna nyinaa;
na mɛtena Awurade fi
daa.
A presença que nunca abandona
Deus promete nunca nos deixar. Ele permanece fiel, está conosco em todo tempo e envia o Espírito para habitar em nossos corações.
Merennyaw mo sɛ ayisaa; mɛsan aba mo nkyɛn bio.
Awurade, yɛn Nyankopɔn, nka yɛn ho sɛnea ɔkaa yɛn agyanom ho no; ɔrennyaw yɛn da biara da.
Nanso wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti, woantɔre wɔn ase anaa woannyaa wɔn afebɔɔ. Woyɛ ɔdomfo ne ahummɔbɔ Nyankopɔn.
Na ɔno asomdwoe Awurade no ara mma mo asomdwoe daa ade nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.
Enti anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; muntie mʼafotu; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoe mu. Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.
Eyi na ɛma yehu pefee sɛ yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom.
Obiara nhuu Onyankopɔn da, gye ne Ba koro no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, nea ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.
Mose ne Awurade de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkitaho wɔ bepɔw no so, na saa bere no, Mose annidi, annom. Saa bere no, Onyankopɔn kyerɛw Mmaransɛm Du no guu ɔbo kyerɛwpon no so.
Monsa kurow no mu ayarefo yare, na monka nkyerɛ ɛhɔfo nyinaa se, ‘Onyankopɔn ahenni no abɛn mo.’
Asa Hyehyɛ Nyamesom Foforo
Na Onyankopɔn honhom baa Oded babarima Asaria so, na opue kohyiaa ɔhene Asa a ofi akono reba no. Ɔteɛɛ mu guu Asa so se, "Tie me, Asa, Yudamanfo nyinaa ne Benyamin muntie. Mmere dodow a mo ne Awurade te no, ɔno nso ne mo bɛtena. Bere biara a mobɛhwehwɛ no no, mubehu no. Nanso sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo. Teteete no, na Israel nni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn, na wonni Onyankopɔn mmara nso. Nanso bere biara a mobɛkɔ ahohia mu na mobɛkɔ Awurade Israel Nyankopɔn nkyɛn, na moahwehwɛ no no, muhuu no. Saa esum bere no mu, na akwantu yɛ hu. Na ɔhaw wɔ ɔman no afanan nyinaa. Akodi baa ɔman ne ɔman ntam, kuropɔn ne kuropɔn ntam, efisɛ Awurade maa ɔhaw ahorow bebree baa mo so. Na afei, mo Yuda mmarima, mo ho nyɛ den, munnya akokoduru, na mubenya mo adwumayɛ so akatua."
Bere a Asa tee saa asɛm yi fii odiyifo Asaria nkyɛn no, onyaa akokoduru, yiyii ahoni a ɛwɔ Yuda asase so ne Benyamin nyinaa ne nkurow a wako afa a ɛwowɔ Efraim bepɔw nsase so no so. Osiesiee Awurade afɔremuka a na esi Awurade Asɔredan ntwironoo anim no.
Afei, Asa frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa. Ɔfrɛɛ nnipa a wofi Efraim, Manase ne Simeon a wɔabɛtena wɔn mu no nso. Bebree tutu kɔtenaa Yuda wɔ Ɔhene Asa bere so, efisɛ wohuu sɛ Awurade, ne Nyankopɔn, ka ne ho.
Ɛrekɔ ɔsram a ɛto so abiɛsa awiei no mu a na Asa adi ade mfe dunum no, nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Saa da no, wɔde mmoa a wɔkyekyeree wɔn ɔko mu no bi bɔɔ Awurade afɔre. Na mmoa no dodow yɛ anantwi ahanson a nguan ne mmirekyi nso dodow yɛ mpem ason. Afei, wofi wɔn koma ne wɔn kra nyinaa mu yɛɛ apam sɛ wɔbɛhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn. Wɔpenee so se, obiara a ɔbɛpo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, wobekum no, sɛ onnyinii anaa wanyin, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea. Wɔhyɛn ntorobɛnto ne mmɛn denneennen, de dii Awurade nokwaredi ntam no ho adanse. Wɔn nyinaa ani gyee saa apam yi ho, efisɛ wofi wɔn koma nyinaa mu na ɛyɛe. Wɔpere hwehwɛɛ Onyankopɔn, na wohuu no. Na Awurade maa wɔn ahomegye fii wɔn atamfo a wɔwɔ afanan nyinaa nsam.
Mpo ɔhene Asa tuu ne nena baa Maaka fii ahemmeagua no so, efisɛ osii Asera nnua a ɛyɛ atantanne. Otwaa dua no, bubuu mu, hyew no wɔ Kidron bon mu. Ɛwɔ mu sɛ wɔantutu abosonsom nsɔre so no nyinaa amfi Israel de, nanso Asa de ne ho nyinaa maa Awurade ne nkwanna nyinaa. Ɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nneɛma ahorow a ɔne nʼagya de maa Awurade no baa Onyankopɔn Asɔredan no mu.
Enti ɔko ansi bio kosii Asa adedi afe a ɛto so aduasa anum no so.