Saúde
A saúde é uma bênção de Deus. A Bíblia ensina que Deus é nosso curador, que devemos cuidar do corpo como templo do Espírito e que a alegria do Senhor renova nossas forças.
Deus, o nosso curador
O Senhor é quem sara todas as nossas doenças. Ele prometeu abençoar o pão e a água e tirar as enfermidades do meio do seu povo.
Mo Awurade, mo Onyankopɔn nko ara na monsom no. Na mɛhyira mo ama mo anya aduane ne nsuo na mɛyi nyarewa nyinaa afiri mo so.
Ɔsa wɔn a wɔn akoma abotoɔ yadeɛ
na ɔkyekyere wɔn akuro.
Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho nte, na montu ahonhommɔne. Sɛdeɛ monyaa no kwa no, saa ara na mo nso momfa mma kwa.
Yesu teeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ, "Nnipa a wɔnyare no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na nnipa a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn."
O corpo como templo
Nosso corpo é templo do Espírito Santo. A Bíblia nos encoraja a cuidar da saúde física com disciplina e reverência a Deus.
Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho; ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo onipadua no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.
Ɛwom sɛ honam mu mmɔdemmɔ ho hia deɛ, nanso honhom mu mmɔdemmɔ ho hia akwan nyinaa mu, ɛfiri sɛ, ɛhyɛ yɛn ɛnnɛ asetena ne daakye asetena ho bɔ.
Mʼadamfo pa, mebɔ mpaeɛ sɛ biribiara nkɔ so yie mma wo, na nya ahoɔden sɛdeɛ menim sɛ honhom fa mu no, wowɔ ahoɔden no.
Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafoɔ
suro Awurade na kyiri bɔne.
Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo onipadua
na ayɛ aduane ama wo nnompe.
A alegria que cura
O coração alegre é bom remédio. A esperança do coração traz alegria, e as palavras agradáveis são como favo de mel — doçura para a alma e saúde para o corpo.
Akoma mu anigyeɛ yɛ aduro ɛsa yadeɛ,
nanso honhom a apɛkyɛ no wewe nnompe.
Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm
ɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yadeɛ.
Anidasoɔ a wɔtu hyɛ da no bɔ akoma yadeɛ,
nanso anigyinadeɛ a nsa aka no yɛ nkwa dua.
Enti yi adwendwene biara firi wʼakoma mu
na to ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu,
ɛfiri sɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhudeɛ.