Publicidade

Sofrimento

Por Bíblia Online

O sofrimento é uma realidade da vida neste mundo, mas a Bíblia revela que Deus está presente em toda dor, produzindo caráter, esperança e redenção através das tribulações.

O sofrimento de Cristo

Jesus sofreu por nós, carregando nossas dores e enfermidades. Ele é o modelo supremo de como enfrentar o sofrimento com fé e obediência.

Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no,

Ɔwerɛhoni a ɔnim ɔyea.

Yɛdanee yɛn ani a yɛanhwɛ no mpo;

wɔbuu no animtiaa na yɛn nso, yɛammu no.

Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛyɛ,

na ɔsoaa yɛn awerɛhoɔ,

nanso yɛbuu no Onyankopɔn na watwe nʼaso.

Yebuu no Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛ no.

Wɔyii Yesu atadeɛ a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no, ɛnna wɔde nkasɛɛ atentene nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no, ɛnna wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa ahempoma, ɛnna wɔbubuu nkotodwe nʼanim hyɛɛ aseɛ gyee so, dii ne ho , "Yudafoɔ Ɔhene, wo nkwa so."

Yei enti na Onyankopɔn frɛɛ mo, ɛfiri , Kristo no ankasa hunuu amane maa mo, de saa nhwɛsoɔ no gyaa mo, sɛdeɛ mobɛdi nʼanammɔn akyi.

Deɛ merehwehwɛ ara ne , mɛhunu Kristo na mɛnya ne wusɔreɛ no mu suahunu, na mahunu nʼamaneɛ no bi, na mayɛ ɔno ne owuo no mu,

O propósito do sofrimento

Deus usa as tribulações para produzir perseverança, caráter e esperança. O sofrimento presente não se compara com a glória que será revelada.

Afei, yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, ɛfiri , yɛnim ɔhaw de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahunu ba, ɛnna osuahunu de anidasoɔ ba.

Daakye Animuonyam

Menim amanehunu a yɛrehunu no saa ɛberɛ yi nyɛ deɛ wɔdetoto animuonyam a wɔbɛhyɛ yɛn no ho.

Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn.

Sɛdeɛ yɛahunu amane Kristo mu no, saa ara nso na yɛnya Kristo awerɛkyekyerɛ a ɛdɔɔso no.

Na mo deɛ, ɛnyɛ wɔadom mo monni Kristo akyi nko, na mmom, mobɛhunu amane nso.

Abrabɔ Foforɔ

Esiane Kristo hunuu amane ne honam mu enti, monsɔ saa adwene korɔ no ara mu mfa nhyɛ mo ho den. Ɛfiri , deɛ wahunu amane honam mu no ne bɔne nni biribiara .

Consolação e companhia

Deus consola os aflitos para que possamos consolar outros. Nunca estamos sozinhos no sofrimento — Ele é o Pai das misericórdias.

Onyankopɔn Boa Yɛn

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekyerɛ nyinaa firi no no ase. Ɔkyekyere yɛn werɛ yɛn amaneɛ nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekyerɛ a yɛn ankasa anya afiri Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekyere afoforɔ a wɔwɔ amaneɛ ahodoɔ mu no werɛ.

Monsoa mo ho mo ho nnesoa. moyɛ saa a, modi Kristo mmara no so.

Onipa tenenee bɛhunu amaneɛ bebree

nanso Awurade gye no firi ne nyinaa mu;

Na adom nyinaa Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinasoɔ.

Na ɛba mpo woyɛ deɛ ɛtene na wohunu ho amane a, wʼani gye. Monnsuro nnipa, na mommma hwee nha mo.

Fé em meio à dor

Os grandes homens e mulheres de fé sofreram e perseveraram. O sofrimento nos aproxima de Deus e nos leva a entender seu coração.

Yei maa Hiob sɔre gyinaa , sunsuanee nʼatadeɛ mu na ɔyii ne tirinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade kaa ,

"Adagya na mede mefiri me maame yam baeɛ,

na adagya na mede bɛsane akɔ.

Awurade de maeɛ, na Awurade afa;

nhyira nka Awurade din!"

"Nhyira ne onipa a Onyankopɔn tene no,

enti mmu Otumfoɔ ntenetene no animtiaa.

obi amfa nʼasɛnnua na wammɛdi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me deɛ.

woma wo ɔkra som wo bo a, wobɛhwere wo ɔkra no, nanso me enti wohwere wo ɔkra a, wo nsa bɛka.

Ɔdefoɔ no asaman a ne ho yera no no, ɔmaa nʼani so hunuu Lasaro ɔte Abraham nkyɛn. Ɔdefoɔ no teaam , Agya Abraham, mesrɛ wo, hunu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so, na me ho yera me.

Nokorɛm, ɔmaa ɛkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase, ɛnna ɔmaa mo mana, aduane a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo , ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Awurade asɛm.

Hwan na ɔbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa owuo na ɛbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no anaa?

Mɛtumi de deɛ mewɔ nyinaa makyɛ na mpo matu me onipadua asi wɔnhye, nanso menni ɔdɔ a, mennya ho mfasoɔ biara.

Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ, Onyankopɔn abɔ me ho ban enti na megyina ha redi adanseɛ akyerɛ obiara yi. Asɛm korɔ a Mose ne adiyifoɔ no kaa , Ɛsɛ Agyenkwa no hunu amane na wadi awufoɔ sɔreɛ mu ɛkan, na wɔaka hann ho asɛm akyerɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ."

Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoeɛ mu, na mommɔ mmɔden ntena ase tenenee mu. Anyɛ saa a, morenhunu Awurade.

Seja o primeiro
Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-