Sonhos
Sonhos aparecem em toda a Bíblia como meio de revelação divina. Deus falou através de sonhos a patriarcas, profetas e servos, mas também alertou contra falsos sonhadores.
Sonhos como revelação divina
Deus usou sonhos para comunicar sua vontade a homens e mulheres ao longo da história bíblica, revelando caminhos e mistérios.
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Montie me,
"Sɛ Awurade odiyifoɔ wɔ mo mu a,
menam anisoadehunu so da me ho adi kyerɛ no,
me kasa kyerɛ no daeɛ mu.
"Na akyire yi,
mɛhwie me honhom agu nnipa nyinaa so,
mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm,
mo nkɔkoraa bɛsoso adaeɛ,
mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu.
Petro ne asomafoɔ dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa dendeenden kyerɛɛ nnipa no sɛ, "Me nuanom Yudafoɔ ne mo a mote Yerusalem nyinaa, montie asɛm a mereka yi. Saa nnipa yi mmoboroo nsã sɛdeɛ mosusu no, ɛfiri sɛ, adeɛ nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsã boro. Asɛm a asi yi na odiyifoɔ Yoɛl hyɛɛ ho nkɔm sɛ:
" ‘Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no,
mɛhwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.
Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm,
mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ.
Na mo mpanin nso asoso adaeɛ.
Na mmerantewaa baanan yi Onyankopɔn maa wɔn nwomanim ne nyansahu nyinaa mu nimdeɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nkyerɛaseɛ ho nimdeɛ.
Ɔhene no bisaa Daniel (a wɔsane frɛ no Beltesasar) no sɛ, "Ɛyɛ nokorɛ? Wobɛtumi akyerɛ me deɛ mehunuu wɔ me daeɛ no mu na woakyerɛ me aseɛ?"
Daniel buaa sɛ, "Nana, anyansafoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, nkonyaayifoɔ anaa ntafowayifoɔ biara nni hɔ a wɔbɛtumi akyerɛ ahintasɛm a worebisa yi! Nanso, Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔda kɔkoamsɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnessar asɛm a ɛbɛsi daakye. Wo daeɛ no ne anisoadehunu a ɛberɛ a woda wo mpa so no wohunuiɛ nie:
Sonhos na história da Bíblia
De José no Egito a José pai de Jesus, Deus guiou a história da salvação através de sonhos, protegendo e dirigindo seu povo.
Nneduafoɔ no buaa Yosef sɛ, "Anadwo yi, yɛn baanu nyinaa sosoo daeɛ, nanso yɛnnya obiara wɔ ha nkyerɛ yɛn aseɛ."
Yosef nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Ɛwom sɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ daeɛ ase deɛ, nanso monka mo daeɛ a mososoeɛ no nkyerɛ me."
Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, "Maso daeɛ bi a obiara ntumi nkyerɛ aseɛ. Nanso, mate sɛ wo deɛ, sɛ obi ka ne daeɛ kyerɛ wo a, wotumi kyerɛ aseɛ. Ɛno enti na masoma abɛfrɛ wo yi."
Yosef buaa Farao sɛ, "Me ara merentumi mfiri me tumi mu nkyerɛ daeɛ no ase. Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ wo daeɛ no ase."
Ɛberɛ a asɛm no ayɛ Yosef dadwene no, Awurade ɔbɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛ mu. Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, "Yosef, Dawid aseni, nnyae Maria awadeɛ ɛfiri sɛ, ne nyinsɛn no firi Honhom Kronkron. Ɔbɛwo ɔbarima na wɔato no edin Yesu, aseɛ ne Agyenkwa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛgye ne nkurɔfoɔ nkwa afiri wɔn bɔne mu."
Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, "Gyaa onipa tenenee no na ɔnkɔ ne baabi ɛfiri sɛ, anadwo yi, mesoo ne ho daeɛ a ɛyɛ hu yie maa me ho yeraa me."
Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no,
yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ.
Sabedoria sobre sonhos
A Bíblia ensina discernimento: nem todo sonho vem de Deus. Devemos entregar nossos planos ao Senhor e confiar na direção dele.
Fa deɛ woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam,
na wo nhyehyɛeɛ bɛsi yie.
Nhyehyɛeɛ bebree wɔ onipa akoma mu,
nanso deɛ Awurade pɛ no na ɛba mu.
Sɛ odiyifoɔ anaa obi a ɔnam daeɛso so ka ahintasɛm sɔre wɔ mo mu na ɔka nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwasɛm kyerɛ mo, na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwasɛm no ba mu na ɔka sɛ, "Momma yɛnni anyame foforɔ akyi (anyame a monnim wɔn) na yɛnsom wɔn" a, monntie saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no nsɛm. Awurade, mo Onyankopɔn, resɔ mo ahwɛ sɛ modɔ no firi mo akoma ne mo kra mu nyinaa anaa. Awurade, mo Onyankopɔn, na ɛsɛ sɛ modi nʼakyi na ɔno na ɛsɛ sɛ mode obuo ne anidie ma no. Monni ne mmara so na monyɛ ɔsetie mma no; monsom no na momfam ne ho den.
"Mate deɛ adiyifoɔ a wɔde medin hyɛ nkɔmtorɔ no keka. Wɔkeka sɛ, ‘Mesoo daeɛ! Mesoo daeɛ!’ Yei bɛkɔ so akɔsi da bɛn wɔ atorɔ adiyifoɔ yi akoma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm?
Nokorɛm, mekyi wɔn a wɔhyɛ adaeɛso ho nkɔmtorɔ," Awurade na ɔseɛ. "Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atorɔ nsɛm daadaa me nkurɔfoɔ ma wɔfom ɛkwan, nso mensomaa wɔn na mennyii wɔn. Wɔn ho nni mfasoɔ mma saa nnipa yi koraa," Awurade na ɔseɛ.
Sɛdeɛ adaeɛsoɔ firi adwendwene bebree mu ba no,
saa ara na ɔkwasea kasa tentene teɛ.
Adaeɛso ne nsɛm keka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.