Publicidade

Números 12

Miriam Ne Aaron Tia Mose

1 Ɛda koro bi Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose ne yere Etiopiani. 2 Afei, wɔkaa , "Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so? Na yɛn nso ɔnnkasa mfa yɛn so bi anaa?" Na Awurade tee wɔn anwiinwii no.

3 Na Mose ɔhobrɛaseni sene obiara a ɔte asase yi so.

4 Ntɛm so, ɔfrɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn , "Mo baasa no mommra ha." Enti wɔbɛgyinagyinaa Awurade anim. 5 Afei, Awurade nam omununkum no mu siane ba bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Ɛberɛ a wɔtwe kɔɔ wɔn anim no, 6 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Montie me,

"Awurade odiyifoɔ mo mu a,

menam anisoadehunu so da me ho adi kyerɛ no,

me kasa kyerɛ no daeɛ mu.

7 Nanso ɛnte saa me ɔsomfoɔ Mose ho.

Me fie nyinaa mu, ɔyɛ ɔnokwafoɔ.

8 Me ne no kasa animu ne animu,

kasa a emu da na ɛnyɛ abɛbuo.

Na ɔhunu Awurade sɛdeɛ ɔteɛ.

Adɛn enti na moansuro

mobɛkasa atia me ɔsomfoɔ Mose?"

9 Afei, Awurade bo fuu wɔn denden pa ara ɛnna ɔfirii kɔeɛ.

10 Ɛberɛ a omununkum no refiri Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi no, amonom ara, kwata bɛduruu Miriam ho fitaa. Aaron hunuu asɛm a asi no, 11 ɔteaam , "Ao, Owura, nnyina saa bɔne yi so nntwe yɛn aso; yɛyɛ nkwaseafoɔ yɛyɛɛ adeɛ a ɛte saa. 12 Mma no nyɛ owufoɔ a ne fa aporɔ firi nʼawoɔ mu."

13 Na Mose teaam frɛɛ Awurade , "Ao, Onyankopɔn, mesrɛ wo sa no yadeɛ!"

14 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "nʼagya tee ntasuo guu nʼanim a, anka ne ho bɛgu fi nnanson. Monyi no mfiri atenaeɛ ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyire no, ɔbɛtumi aba bio." 15 Enti wɔtwaa Miriam asuo firii atenaeɛ ma ɔkɔdii nnanson. Nnipa no twɛn kɔsii wɔsane de no baeɛ ansa na wɔretu kwan no bio.

16 Ɛno akyi, wɔfirii Haserot bɛbɔɔ atenaeɛ Paran ɛserɛ so.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-