Publicidade

Trabalho

Por Bíblia Online

O trabalho é uma ordenança divina desde a criação. Deus colocou o homem no jardim para cultivar e guardar, revelando que o labor é parte do propósito humano e um meio de glorificá-lo.

Trabalho como vocação divina

Deus nos criou para trabalhar com propósito. O trabalho é expressão da imagem divina em nós e deve ser feito como para o Senhor.

Biribiara a moyɛ no, momfa mo akoma nyinaa nyɛ na momfa no moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa.

Biribiara a moyɛ no, momfa mo akoma nyinaa nyɛ na momfa no moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa. Monkae Awurade bɛkyɛ mo so adeɛ. Mo nsa bɛka adeɛ a ɔde asie ama ne nkurɔfoɔ no bi. Kristo ne owura a mosom no.

Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.

Momfa mo akoma nyinaa nsom sɛdeɛ moresom Awurade a ɛnnyɛ nnipa, ɛfiri monim adwuma pa biara a obi no, ɔyɛ ɔsomfoɔ anaa ɔde ne ho no, Awurade bɛtua no so ka.

Biribiara a mobɛyɛ no, moredidi o, morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.

Enti, me nuanom, monnyina pintinn. Ɛda biara monyɛ Awurade adwuma, ɛfiri , menim moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.

Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.

Diligência e recompensa

A mão diligente enriquece, mas a preguiça traz pobreza. A Bíblia valoriza o esforço honesto, dedicado e perseverante em toda obra.

Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia,

nanso nsiyɛfoɔ nsa de ahonya ba.

Nsa a ɛyɛ adwuma no bɛdi tumi,

nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.

Nsa a ɛyɛ adwuma no bɛdi tumi,

nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.

Adwumadenyɛ nyinaa de mfasoɔ ba,

na kasa hunu deɛ, ɛkɔ ohia mu.

Ɔkwadwofoɔ, atɛtea nkyɛn;

hwɛ nʼakwan, na hunu nyansa!

Ɔnni ɔsahene,

ɔnni ɔhwɛfoɔ anaa sodifoɔ bi,

nanso, ɔde aduane sie ahuhuro ɛberɛ mu

ɔboaboa nnuane ano twaberɛ.

Wo, ɔkwadwofoɔ, wobɛda akɔsi da bɛn?

Wɔbɛnyane ɛberɛ bɛn?

Nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a woabobɔ de rehome kakra,

ɛbɛma ohia aba wo so ɔkwanmukafoɔ

na ahokyere ato ahyɛ wo so deɛ ɔkura tuo.

Deɛ ɔtoto nʼadwuma ase no

nuabarima ne deɛ ɔyɛ ɔsɛefoɔ.

Mma nna nyɛ wo , na woanni hia;

ɛnna, na wobɛnya aduane ama abu so.

Ahonya a ɛnam kwammɔne soɔ no hwere ntɛm so,

na deɛ ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.

Awurade nhyira de ahonya ba,

na ɔmmfa ɔhaw biara nka ho.

Planejamento e excelência

A excelência no trabalho honra a Deus. Devemos nos dedicar com competência, entregar nossos planos ao Senhor e buscar o melhor em cada tarefa.

Fa deɛ woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam,

na wo nhyehyɛeɛ bɛsi yie.

Fa deɛ woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam,

na wo nhyehyɛeɛ bɛsi yie.

Wohunu odwumayɛfoɔ a ne nsa akokwa nʼadwuma ho anaa?

Ahemfo anim na ɔbɛsom,

na ɔrensom mpapahwekwaa anim.

mmɔden wobɛyɛ odwumayɛfoɔ a womfɛre Onyankopɔn adwuma no ho, na kyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.

mmɔden wobɛyɛ odwumayɛfoɔ a womfɛre Onyankopɔn adwuma no ho, na kyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.

Atwerɛsɛm nyinaa firi Onyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn onipa bɛyɛ deɛ wɔasiesie no yie ama nnwuma pa nyinaa.

Deɛ wo nsa bɛso mu biara, fa wʼahoɔden nyinaa , ɛfiri damena a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwendwene, nhunumu ne nimdeɛ nni .

Dwuma biara a modi no, monnnwiinwii na monnnye ho akyinnyeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronn Onyankopɔn mma nokwafoɔ a wɔte ewiase a nkontompofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ ahyɛ ma no mu. Ɛsɛ mohyerɛn wɔn mu nsoromma a ɛwɔ soro

O contentamento no trabalho

Deus nos dá a capacidade de desfrutar do nosso trabalho. Poder comer, beber e encontrar satisfação em nosso labor é um dom divino.

Menim biribiara nni a ɛyɛ ma nnipa kyɛn wɔbɛgye wɔn ani na wayɛ deɛ ɛyɛ ɛberɛ a wɔte ase. obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ ne dwumadie nyinaa mu, yei ne Onyankopɔn akyɛdeɛ.

Afei mehunuu ɛyɛ ma onipa ɔbɛdidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho owia yi ase, mmerɛ kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, ɛfiri yei ne ne kyɛfa.

Deɛ ɛka ho ne , Onyankopɔn ma onipa bi ahonyadeɛ ne adenya, na ɔnya ahotɔ, de anigyeɛ nʼadwuma, na ɔhunu ne kyɛfa ne no a, ɔnnkae ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ.

Baanu sene ɔbaakofoɔ,

ɛfiri wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani:

Na ɔbarima bi a ɔyɛ ankonam;

ɔnni ɔbabarima anaa onuabarima.

Nʼadwumaden amma nʼawieeɛ da,

nanso nʼani ansɔ nʼahonya.

Ɔbisaa ne ho , "Na hwan na merebrɛ ama no,

na adɛn enti na mede anigyeɛ kame me kra?"

Yei nso ahuhudeɛ,

ɛyɛ ɔhaw kwa.

Na mehunuu adwumayɛ mu ɔbrɛ ne deɛ onipa tumi nyinaa nnyinasoɔ ne , nʼani bere ne yɔnko. Yei nso ahuhudeɛ, mmirika a wɔtu taa mframa.

A responsabilidade cristã

O cristão deve trabalhar com suas próprias mãos, viver dignamente e ser exemplo de dedicação. Quem não trabalha, não coma.

Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo , "Obiara a ɔmpɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ wɔma ɔdidi."

Yɛka saa asɛm yi, ɛfiri , yɛte mo mu bi anihafoɔ a wɔnyɛ hwee wɔnenam nkurɔfoɔ nnwuma ase. Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, wɔn kɔkɔ , wɔmmɔ bra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔnhoma.

Momma ɛnyɛ mo botaeɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔnhoma sɛdeɛ yɛaka akyerɛ mo dada no. moyɛ saa a, ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ asuafoɔ no afɛre mo na moremmisa deɛ ɛhia mo nso mfiri obiara nkyɛn.

Ɛsɛ obi a ɔbɔ korɔno no gyae korɔnobɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforɔ.

Na Onyankopɔn bɛtumi ama wo aboro deɛ ɛho hia wo no so, enti daa na wowɔ deɛ ɛho hia wo, na wobɛnya bi nso adi dwuma foforɔ a ɛfata wodi.

Sɛdeɛ ɛte yi, ɔhome da so ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no. Obiara a ɔbɛhome Onyankopɔn mu no bɛhome afiri nʼankasa ne nnwuma mu, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne nnwuma mu no.

Ma Awurade yɛn Onyankopɔn adom no ntena yɛn so;

na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie mma yɛn

aane, yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie.

Monhwɛ ewiem nnomaa, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduane di. Monnsom bo nsene wɔn anaa?

wopere wopɛ woyɛ deɛ ɛtene a, hwan na ɔbɛha wo?

Mereka nokorɛ akyerɛ mo, obiara a ɔgye me di no, bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛseɛ, ɛfiri , merekɔ mʼAgya no nkyɛn.

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi maduru botaeɛ a ɛsi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no enti, mammu me kra adeɛ a ɛsom bo.

Monhwɛ mo ho so yie na moanhwere deɛ moayɛ ho adwuma na moanya mo akatua mu no.

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-