Publicidade

Eclesiastes 5

Suro Onyankopɔn

1 wokɔ Onyankopɔn fie a, hwɛ wʼanammɔntuo yie. Bɛn no na tie no sene wobɛbɔ nkwaseafoɔ afɔdeɛ, wɔn a wɔnnim mfomsoɔ a wɔyɛ no.

2 Mpɛ ntɛm nkasa,

mma wʼakoma ho mpere no

ɔbɛka asɛm bi Onyankopɔn anim.

Onyankopɔn te ɔsoro

na wo deɛ, wo asase so,

enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.

3 Sɛdeɛ adaeɛsoɔ firi adwendwene bebree mu ba no,

saa ara na ɔkwasea kasa tentene teɛ.

4 wohyɛ Onyankopɔn a, ntwentwɛn wo nan ase ho. Ɔnni anigyeɛ nkwaseafoɔ mu; enti di wo bɔhyɛ so. 5 woanhyɛ koraa a, ɛyɛ sene wobɛhyɛ na wonni so. 6 Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu ɔsomfoɔ , "Me bɔhyɛ no mfomsoɔ." Adɛn enti na ɛsɛ Onyankopɔn bo fu deɛ woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma? 7 Adaeɛso ne nsɛm keka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.

Ahonya Ahuhudeɛ

8 wohunu ohiani a wɔhyɛ ne so ɔmansin bi mu, na atɛntenenee ne ahofadie abɔ no a, mma yeinom nyɛ wo nwanwa ɛfiri , deɛ ɔso sene no hwɛ ne so, na deɛ ɔso sene wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so. 9 Asase no so siadeɛ ɛso nnipa nyinaa, na ɔhene no ankasa na ɔnya mfuo no so mfasodeɛ.

10 Deɛ nʼani bere sika no nnya deɛ ɛdɔɔso da;

na deɛ ɔpɛ ahonyadeɛ dodoɔ no ani nsɔ deɛ ɔnya.

Yei nso ahuhudeɛ.

11 Adetɔndeɛ bu so a,

saa ara na atɔfoɔ no nso dɔɔso.

Na mfasoɔ bɛn na deɛ ɛwɔ noɔ no nya

sene ɔde nʼani bɛhwɛ?

12 Ɔpaani da ma nʼani kum,

wadidi amee anaasɛ wammee,

nanso ɔdefoɔ ahonya dodoɔ enti

ɔntumi nna.

13 Ɔhaw kɛseɛ bi a mahunu no owia yi ase nie:

wɔboaboa ahonyadeɛ ano de ha ne wura,

14 anaasɛ ɔbɛhwere ahonyadeɛ amanehunu mu a enti

ɔnya ɔbabarima bi a

hwee nni a wɔde bɛgya no.

15 Adagya na onipa de firi ne maame yafunu mu baeɛ,

na sɛdeɛ ɔbaeɛ no, saa ara na ɔbɛkorɔ.

Ɔmmfa nʼadwumayɛ so mfasodeɛ biara a

ɔbɛtumi akuta ne nsa mu nkɔ.

16 Yei nso ɔhaw kɛseɛ:

Sɛdeɛ onipa ba no, saa ara na ɔkorɔ,

na mfasoɔ bɛn na ɔnya

ɛberɛ a ɔyɛ adwuma ma mframa?

17 Ne nna nyinaa mu no, ɔdidi a, nʼanom nyɛ no

ɛfiri abamubuo, ateeteeɛ ne abufuo no so.

18 Afei mehunuu ɛyɛ ma onipa ɔbɛdidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho owia yi ase, mmerɛ kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, ɛfiri yei ne ne kyɛfa. 19 Deɛ ɛka ho ne , Onyankopɔn ma onipa bi ahonyadeɛ ne adenya, na ɔnya ahotɔ, de anigyeɛ nʼadwuma, na ɔhunu ne kyɛfa ne no a, ɔnnkae ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ. 20 Ɔnntaa ntena ase nnwene ne nkwa nna ho, ɛfiri Onyankopɔn de akoma mu anigyeɛ ama no.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-