11 Kɛseyɛ, ahoɔden, anuonyam,
nkonimdi ne tumi yɛ wo de, Awurade.
Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo de,
Awurade, na ahenni yi nso yɛ wo de.
Yɛma wo so sɛ wone ade nyinaa so tumfo.
12 Ahonya ne anuonyam fi wo nko ara,
efisɛ woyɛ ade nyinaa sodifo.
Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam
na wopɛ mu na wufi ma nnipa yɛ kɛse na wonya ahoɔden.
14 "Na me ne hena na me nkurɔfo ne nnipa bɛn a yetumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no fi wo nkyɛn, na nea yɛde ma wo no yɛ nea wode ama yɛn dedaw no. 15 Yɛwɔ ha mmere tiaa bi sɛ nsrahwɛfo ne ahɔho wɔ asase a yɛn agyanom dii kan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsuma a etwa mu kɔ ntɛm so a wonhu bio.