11 Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam,
nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao Awurade.
Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea,
Ao Awurade, na ahennie yi nso wɔ wo.
Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ.
12 Ahonya ne animuonyam firi wo nko ara,
ɛfiri sɛ, woyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ.
Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam
na wopɛ mu na wofiri ma nnipa yɛ kɛseɛ na wɔnya ahoɔden.
14 "Na me ne hwan na me nkurɔfoɔ ne nnipa bɛn a yɛtumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no firi wo nkyɛn, na deɛ yɛde ma wo no yɛ deɛ wode ama yɛn dada. 15 Yɛwɔ ha mmerɛ tiawa bi sɛ nsrahwɛfoɔ ne ahɔhoɔ wɔ asase a yɛn agyanom dii ɛkan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsumma a ɛtwam kɔ ntɛm so a wɔnhunu bio.