Pular para o conteúdo
Publicidade

Atos 12

Wɔtaa Asomafo No

1 Saa bere yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi fii ase yɛɛ wɔn ayayade. 2 Ɔde afoa kum Yohane nua Yakobo. 3 Ohuu Yudafo no ani gye nea ɔyɛe no ho no, ɔmaa wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Afahyɛ no mu. 4 Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafo baanan na wɔwɛn no bere biara. Herode yɛɛ nʼadwene obedi nʼasɛm Twam Afahyɛ no akyi ɔman no anim.

5 Bere a na Petro da afiase no nyinaa na asafo no mpae dennen, srɛ Onyankopɔn ɔnhwɛ ne so.

Ɔbɔfo Yi Petro Fi Afiase

6 Anadwo a ade rebɛkye ama Herode adi Petro asɛm ɔman no anim no, na Petro da asraafo baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn abien agugu no asesa asraafo baanu a wɔwɛn no no. Na asraafo baanu rewɛn afiase pon no ano nso. 7 Amono mu ara, Onyankopɔn bɔfo begyinaa afiase ma ɛhɔ hyerɛnee. Ɔbɔfo no wosow Petro, nyan no ka kyerɛɛ no se, "Sɔre ntɛm!" Mpofirim na nkɔnsɔnkɔnsɔn no tetew fii Petro nsa.

8 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Petro se, "Hyɛ wʼatade ne wo mpaboa." Petro wiee no, ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ no se, "Fura wo ntama na di mʼakyi." 9 Petro dii nʼakyi fii adi. Wɔrekɔ no na ɛyɛ no adaeso anaa anisoadehu, efisɛ na onnye nni ɛyɛ asɛmpa ara. 10 Wotwaa awɛmfo a wodi kan no ne wɔn a wɔto so abien no ho beduu dade pon a ɛda kurow no ano no ho. Woduu no ɔpon no ankasa bue ma wɔfaa mu kɔe. Wɔfaa borɔn bi so kɔɔ anim kakra no, ɔbɔfo no gyaw Petro .

11 Petro ani baa ne ho so ma ɔkae se, "Afei mahu nea esii no nyinaa nokware! Awurade somaa ne bɔfo na obegyee me fii Herode nsam ne nea Yudafo hwehwɛe wɔyɛ me no mu."

12 Petro huu nea asi no, ɔkɔɔ Yohane a na wɔfrɛ no Marko no a na ne din de Maria no fi. Saa bere no na nnipa bebree ahyia rebɔ mpae. 13 Petro bɔɔ abɔntenpon no mu na abaawa bi a wɔfrɛ no Roda betiei. 14 Bere a ɔtee nne no, anigye nti wammue ɔpon no. Ɔsan nʼakyi kɔbɔɔ amanneɛ se, "Petro gyina ɔpon no akyi."

15 Wɔka kyerɛɛ no se, "Gyama worebɔ dam." Nanso ɔkɔɔ so kaa se ɛyɛ nokware. Wɔn nso ka kyerɛɛ no se, "Gyama ɛbɛyɛ ne saman."

16 Petro kɔɔ so bɔɔ ɔpon no akyi. Wobuee a wohuu Petro no, wɔn ho dwiriw wɔn. 17 Ɔde ne nsa nyamaa wɔn se wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɔkwan a Awurade nam so yii no fii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no;" na ofii kɔɔ baabi foforo.

18 Ade kyee no, awɛmfo no ho yeraw wɔn yiye wonhu faako a Petro afa. 19 Herode hyɛɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhu no. Wodii awɛmfo no asɛm, buu wɔn kumfɔ.

Eyi akyi no, Herode fii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa kakra. 20 Bere a Herode Kaesarea no, abɔfo bi a wɔasoma wɔn fi Tiro ne Sidon behuu no. Na Herode bo afuw Tirofo ne Sidonfo. Nanso abɔfo yi guan toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba, efisɛ na saa nkurow yi nya wɔn nnuan nyinaa fi Herode asase so.

21 Wɔhyɛɛ da bi maa Herode hyɛɛ nʼahentade tenaa nʼahengua mu kasa kyerɛɛ wɔn. 22 Herode kasa wiei no, nnipa no teɛɛ mu se, "Eyi onyame bi nne na ɛnyɛ onipa bi de!" 23 Mpofirim, Onyankopɔn bɔfo bɛbɔɔ no ma ɔyare dɔɔ mmoa ma owui, esiane obu a wamfa amma Onyankopɔn no nti.

24 Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛw maa nnipa bebree gye dii.

Wɔsoma Asɛmpatrɛw Adwumayɛfo

25 Barnaba ne Saulo wiee wɔn dwumadi no, wɔsan fii Yerusalem a na Yohane a wɔfrɛ no Marko no ka wɔn ho.

Veja também