14 Mmea a wobetiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntama kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesomni nti Awurade buee ne koma mu ma otiee asɛm a na Paulo reka no ma ogye dii. 15 Wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu wiee no, ɔka kyerɛɛ yɛn se, "Sɛ mugye to mu sɛ meyɛ Awurade mu gyidini ampa ara a, ɛno de mommɛtena me fi." Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kosii sɛ yɛpenee.