25 Ɔdasu mu no, na Paulo ne Silas rebɔ mpae to nnwom reyi Onyankopɔn ayɛ, a nneduafo a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn. 26 Mpofirim na asase wosow denneennen maa afiase no nnyinaso nso wosow maa apon no nyinaa buebuei, na nneduafo no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn tetewee. 27 Bere a afiase sohwɛfo no fi nna mu nyan na ohuu sɛ afiase no apon no abuebue no, osusuw sɛ nneduafo no nyinaa aguan, enti ɔtwee nʼafoa, pɛɛ sɛ anka ɔde kum ne ho.16.27 Sɛ odeduani bi guan a, wɔde ne sohwɛfo si nʼanan mu (12.19). Sɛ ɔsohwɛfo no kum ne ho a na aniwu ne adwennwene biara to atwa. 28 Nanso Paulo teɛɛ mu ka kyerɛɛ no se, "Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!"
29 Ɛhɔ ara afiase sohwɛfo no frɛ ma wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopo ne osuro bɛhwee Paulo ne Silas anim. 30 Afei ɔde wɔn fii adi bisaa wɔn se, "Awuranom, dɛn na menyɛ na manya nkwa?"
31 Wobuae se, "Gye Awurade Yesu di na obegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa." 32 Wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfo no ne ne fifo nyinaa. 33 Anadwo no ara, afiase sohwɛfo yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuru no anim. Afei ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu. 34 Afiase sohwɛfo yi de Paulo ne Silas kɔɔ fie kɔmaa wɔn aduan dii na ɔne ne fifo nyinaa ho san wɔn, efisɛ afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.