Pular para o conteúdo
Publicidade

Asomafo 2

17 " Onyankopɔn kae se, nna a edi akyiri no,

mehwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.

Mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm,

mo mmerante nso ahu anisoade.

Na mo mpanyin nso asoso adae.

18 Saa mmere no mu no,

mehwie me Honhom agu mʼasomfo mpo so,

mmarima ne mmea, ama wɔahyɛ nkɔm.

19 Mede mogya ne ogya ne wusiw kumɔnn

bɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne

ɔsoro ne asase so.

20 Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no,

owia beduru sum

na ɔsram nso ayɛ mogya.

21 Na obiara a ɔbɛbɔ

Awurade din no benya nkwa.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também