Pular para o conteúdo
Publicidade

Atos 3

Obubuafo Bi Ayaresa

1 Da bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnabiɛsa a na ɛyɛ bere a wɔde mpae. 2 Wɔreyɛ adu asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ ano no, wohuu obubuafo bi ɔda . Na wɔsoa saa obubuafo yi de no bɛto ɔpon yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika fi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn. 3 Bere a ohuu Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn se wɔmma no biribi. 4 Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no se, "Hwɛ yɛn!" 5 Ɔhwɛɛ wɔn susuw wɔbɛma no biribi.

6 Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, "Sika de, minni bi; na nea mewɔ a mede bɛma wo ne Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nantew!" 7 Afei Petro de ne nsa nifa soo no mu maa no so gyinaa . Prɛko , nʼanan mu yɛɛ den. 8 Ohuruw gyinaa nʼanan so na ofii ase nantewee. Afei ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehuruhuruw, rekamfo Onyankopɔn. 9 Nnipa no nyinaa huu no ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ. 10 Wohuu no no, wohuu ɔno ne ɔsrɛsrɛni a na ɔda asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ no ano no, wɔn ho dwiriw wɔn.

Petro Kasa Kyerɛ Nnipa No

11 Bere a nnipa no huu ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwiriw wɔn; enti wotuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so . 12 Bere a Petro huu nnipadɔm no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Israelfo, adɛn na eyi mo nwonwa? Adɛn nti na mohwɛ yɛn, susuw yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yare? 13 Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ne yɛn nenanom Nyankopɔn ama ne somfo Yesu ɔsoro anuonyam. Mode no maa atumfo; na bere a Pilato yɛɛ obegyaa no no mpo, mopoo no nʼanim. 14 Na ɔyɛ Kronkron, ɔteɛ; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato ɔmfa odwotwafo mma mo. 15 Enti mukum obi a ogye nnipa nkwa mu. Nanso Onyankopɔn nyan no fii awufo mu na yɛyɛ eyi ho nnansefo. 16 Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafo yi nyaa ahoɔden. Gyidi a yɛwɔ ne din mu no na ɛma yetumi yɛɛ saa anwonwade a muhu yi. Gyidi a yɛwɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ogyina mo anim mprempren yi.

17 "Afei me nuanom, minim nea mo ne mo mpanyimfo yɛɛ Yesu no, na onim na munnim. 18 Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifo so kae se Agyenkwa no behu amane. Na ɔnam saa kwan yi so ma ɛbaa mu. 19 Monsakra mo adwene na momfa mo ho mma Onyankopɔn na wɔbɛpepa mo bɔne, na moanya foforoyɛ mmere afi Awurade , 20 na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa a wɔayi no ama mo no. 21 Sɛnea Onyankopɔn nam nʼadiyifo akronkron so aka dedaw no, ɛsɛ ɔtena ɔsoro kosi nneɛma nyinaa bɛyɛ foforo. 22 Na Mose kae se, Awurade, mo Nyankopɔn bɛsoma odiyifo aba mo nkyɛn sɛnea ɔsomaa me a mifi mo mu no. Ɛsɛ mutie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo. 23 Obiara a wantie nea odiyifo no bɛka no, wobeyi no afi Onyankopɔn nkurɔfo ho na wɔasɛe no.

24 "Samuel ne adiyifo a akyiri no wɔbae no nyinaa nso aka asɛm a asi nnɛ yi ho asɛm pɛn. 25 Onyankopɔn a ɔnam adiyifo so hyɛe no mo dea. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pam no mu. Sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham se, Wʼasefo so na menam behyira wiasefo nyinaa.26 Enti Onyankopɔn dii kan yii ne somfo somaa no baa mo nkyɛn ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnan mfi mo akwammɔne no so."

Veja também