30 Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa se, "Wote nea worekenkan yi ase ana?"
31 Piamni no buaa no se, "Mɛyɛ dɛn na mate ase? Gye sɛ obi kyerɛ me ase." Afei ɔka kyerɛɛ Filipo se ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu.
32 Na piamni no rekenkan saa Kyerɛwsɛm yi:
"Ɔte sɛ oguamma a wɔrekokum no.
Sɛnea oguamma yɛ komm wɔ ne nwitwitwafo anim no,
saa ara na wammue nʼano.