18 Na Salemhene14.18 Salem yɛ Yerusalem tete din. Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo no de brodo ne nsa brɛɛ no, 19 behyiraa Abram se:
"Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase,
Nhyira nka wo, Abram.
20 Na nhyira nka Ɔsorosoro Nyankopɔn
a ɔde wʼatamfo ahyɛ wo nsam no."
Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kae no nyinaa mu biara nkyekyɛmu du mu baako.