Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 14:18-20

WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

18 Na Salemhene14.18 Salem yɛ Yerusalem tete din. Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Awurade Onyankopɔn ɔsɔfoɔ no de burodo ne nsã brɛɛ no. 19 Afei, Melkisedek hyiraa Abram sɛ:

"Ɔsorosoro Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase,

nhyira nka wo, Abram.

20 Na nhyira nka Ɔsorosoro Onyankopɔn,

a ɔde wʼatamfoɔ ahyɛ wo nsam no."

Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kaeɛ no nyinaa mu biara nkyekyɛmu edu mu baako.

Em outras traduções

  1. WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

    18 Na Salemhene14.18 Salem yɛ Yerusalem tete din. Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo no de brodo ne nsa brɛɛ no, 19 behyiraa Abram se:

    "Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase,

    Nhyira nka wo, Abram.

    20 Na nhyira nka Ɔsorosoro Nyankopɔn

    a ɔde wʼatamfo ahyɛ wo nsam no."

    Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kae no nyinaa mu biara nkyekyɛmu du mu baako.

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.