Pular para o conteúdo
Publicidade

Gênesis 18

23 Na Abraham twiw bɛn Onyankopɔn bisaa no se, "Wobɛsɛe nnipa trenee ne nnipa bɔnefo nyinaa afra ana? 24 Na nnipa trenee aduonum kurow no mu a, wobɛsɛe kurow no a worenhwɛ saa nnipa trenee aduonum no ho nnyae kurow no sɛe ana? 25 Ɛmpare wo wobɛyɛ saa, wubekum nnipa trenee ne nnipa bɔnefo afra, de asotwe koro no ara bɛma nnipa trenee ne nnipa bɔnefo. Ɛmpare wo! Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee ana?"

26 Na Awurade kae se, "mihu nnipa trenee aduonum Sodom kurow no mu a, wɔn nti merensɛe kurow no."

27 Na Abraham bisae se, "Afei, me a meyɛ nsõ ne dɔte a mensɛ hwee, nanso masi me bo ne Awurade akasa yi, 28 ɛba nnipa trenee no dodow aduanan anum nso ɛ? Esiane saa nnipa anum a wɔafi nnipa trenee aduonum no so ama aka nnipa trenee aduanan anum no nti, wobɛsɛe kurow mu no nyinaa ana?"

Onyankopɔn buae se, "mihu nnipa trenee aduanan anum kurow no mu a, merensɛe no."

29 Abraham toaa nʼadebisa no so se, "ɛba , nnipa trenee aduanan na wɔwɔ kurow no mu ɛ?"

Na Awurade buaa Abraham se, "Nnipa trenee aduanan no nti, merensɛe kurow no."

30 Abraham kɔɔ so srɛɛ bio se, "Mesrɛ wo, Awurade, mma wo bo mfuw me, ma menkasa. ɛba nnipa trenee aduasa na wɔwɔ kurow no mu nso ɛ?"

Awurade buae se, "mihu nnipa trenee aduasa a, merensɛe kurow no."

31 Afei, Abraham bisae se, "Masi me bo ne Awurade akasa yi, ɛba nnipa trenee aduonu na wɔwɔ kurow no mu ɛ?"

Onyankopɔn buae se, "Saa nnipa trenee aduonu no nti, merensɛe kurow no."

32 Abraham kɔɔ so bisae se, "Awurade, mma wo bo mfuw me; ma mimmisa mʼasɛm baako a etwa to. ɛba , nnipa trenee du na wɔwɔ kurow no mu nso ɛ?"

Awurade buae se, "Saa nnipa trenee du no nti, merensɛe kurow no."

33 Bere a Awurade ne Abraham kasa wiee no, ogyaw Abraham kɔe. Abraham nso san kɔɔ nʼatenae.

Veja também