Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 26

Isak Ne Ɔhene Abimelek

1 Na ɔkɔm kɛse bi baa asase no so; ɛsono ɔkɔm kɛse a ɛbaa Abraham bere so no. Ɛno nti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifo hene Abimelek kurow mu. 2 Ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no se, "Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so. 3 Tena asase yi so kakra, efisɛ mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo, na mede asi a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua. 4 Mɛma wʼasefo adɔɔso te nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefo so na wobehyira wiase aman ahorow nyinaa. 5 Efisɛ Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛde ne me mmara nyinaa so." 6 Enti Isak tenaa Gerar.

7 Bere a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkae se, "Ɔyɛ me nuabea." Efisɛ na osuro ɔbɛka se, "Ɔyɛ me yere." Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na osusuw , esiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ nti, anhwɛ a na kurom mmarima akum no.

8 Isak tenaa kyɛɛ kakra no, da bi, Filistifo hene Abimelek gyina ne mfɛnsere mu na ohuu Isak regoru ne yere Rebeka ho.

Veja também