Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 26

Isak Ne Ɔhene Abimelek

1 Na ɔkɔm kɛse bi baa asase no so; ɛsono ɔkɔm kɛse a ɛbaa Abraham bere so no. Ɛno nti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifo hene Abimelek kurow mu. 2 Ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no se, "Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so. 3 Tena asase yi so kakra, efisɛ mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo, na mede asi a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua. 4 Mɛma wʼasefo adɔɔso te nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefo so na wobehyira wiase aman ahorow nyinaa. 5 Efisɛ Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛde ne me mmara nyinaa so." 6 Enti Isak tenaa Gerar.

7 Bere a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkae se, "Ɔyɛ me nuabea." Efisɛ na osuro ɔbɛka se, "Ɔyɛ me yere." Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na osusuw , esiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ nti, anhwɛ a na kurom mmarima akum no.

8 Isak tenaa kyɛɛ kakra no, da bi, Filistifo hene Abimelek gyina ne mfɛnsere mu na ohuu Isak regoru ne yere Rebeka ho. 9 Ɛno nti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak bae no, obisaa no se, "Ɔbea no wo yere ankasa. Adɛn nti na woka se, Ɔyɛ me nuabea?’ "

Isak buaa no se, "Misusuwii , meka se ɔyɛ me yere a, ne nti, ebia na wɔakum me."

10 Na ɔhene Abimelek kae se, "Dɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokware a woamma anna adi nti, anka obi betumi afa wo yere no, na wode mmusu aba yɛn so."

11 Ɛno nti, Abimelek bɔɔ ne manfo no kɔkɔ se, "Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɔkwan biara so no wobekum no."

12 Saa afe no ara Isak dɔw afuw. Na Awurade hyiraa nʼadwumade so. Ne nnɔbae baa bebree. 13 Isak yɛɛ ɔdefo. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso ma odii taamu. 14 Onyaa nguan, anantwi, ne asomfo bebree ma ɛyɛɛ saa ma Filistifo no ani beree no yiye. Saa anibere yi nti, Filistifo no de dɔte kosisiw 15 abura ahorow a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu ne bere so no nyinaa ano.

16 Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak se, "Tu fi yɛn asase so, efisɛ wʼahonya dodow no aka yɛn ahyɛ."

17 Isak tu fii Gerar kurow no mu, kɔɔ Gerar subon mu de kɔyɛɛ nʼatenae. 18 Enti Isak maa ne nkoa san tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu na ne wu akyi no Filistifo no sisiw ne nyinaa no. Ɔsan de din koro no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio.

19 Isak nkoa no tuu abura foforo bi Gerar subon no mu, kɔtoo nsu a ɛyɛ kurunnyenn. 20 Nanso Gerar nguanhwɛfo ne Isak nguanhwɛfo gyee abura no ho akyinnye. Gerar nguanhwɛfo no kae se, "Abura yi yɛn de." Eyi maa Isak too saa abura no din Esek, a ase kyerɛ akyinnyegye abura. 21 Isak nkoa no san tuu abura foforo, nanso Gerar nguanhwɛfo no san ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Eyi maa Isak san too saa abura no nso din Sitna, a ase kyerɛ Aperedi. 22 Isak gyaw saa abura no kotuu abura foforo. Afei, nnipa a wɔne no te no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Eyi maa Isak too saa abura yi din Rehobot a ase ne "Afei de Awurade abɔ yɛn atenase na yebenya yɛn ho asase yi so."

23 Isak tu fii kɔɔ Beer-Seba. 24 Anadwo no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no se, "Mene wʼagya, Abraham Nyankopɔn. Nsuro, efisɛ me ne wo na ɛwɔ . a mahyɛ mʼakoa Abraham nti, mehyira wo na mama wʼasefo adɔɔso, na wɔayɛ ɔman kɛse."

25 Isak sii afɔremuka, som Awurade . Osii ntamadan tenaa , na ne nkoa nso tuu abura maa no.

26 Da bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufo Ahusad ne ne sahene Pikol fi Gerar bɛsraa Isak. 27 Isak bisaa wɔn se, "Adɛn nti na mo a na mo ne me nka, na mopam me fii mo nkyɛn aba me ha nnɛ morebɛsra me?"

28 Wobuaa no se, "Yehu pefee Awurade wʼafa nti, yɛasi gyinae , yɛne wo bɛyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no 29 worenhaw yɛn, sɛnea yɛn nso, yɛanhaw wo no. Yɛne wo tenaa yiye. Yegyaa wo kwan asomdwoe mu. Na afei, hwɛ sɛnea Awurade ahyira wo."

30 Isak too wɔn pon, na wodidi nomee de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no. 31 Ade kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Na Isak gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ asomdwoe mu.

32 Da no ara, Isak asomfo bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no se, "Yɛato nsu." 33 Isak too abura no din Seba a, ase kyerɛ "Ntanka abura." Kurow a akyiri no wɔkyekyeree no, wɔtoo din Beer-Seba a ebesi nnɛ, wɔda so frɛ saa ara.

34 Esau dii mfe aduanan no, ɔwaree ababaa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya Hetini bi a ne din de Beeri. Esau san waree Basmat a nʼagya Hetini bi a ne din de Elon. 35 Nanso Isak ne Rebeka bo annwo saa aware no ho.

Veja também