Yosef Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Ne Nuanom
1 Afei, na Yosef yɛ ne ho hwee a, ɛnyɛ yiye wɔ nʼasomfo no nyinaa anim. Enti ɔteɛɛ mu kyerɛɛ nʼasomfo no se, "Obiara mfi ha nkɔ." Enti bere a oyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfo no mu biara nni hɔ.
4 Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, "Montwiw mmɛn me." Wotwiw bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔn me ma wɔde me kɔɔ Misraim no. 5 Mommma biribiara nhaw mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔn me ma wɔde me baa ha. Onyankopɔn na ɔyɛe. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ mimmegye mo nkwa.
15 Ofifew ne nuanom no nyinaa ano sui, na ɛno akyi no, wotumi ne no kasae.