Yosef Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Ne Nuanom
1 Afei, na Yosef yɛ ne ho biribiara a, ɛnyɛ yie wɔ nʼasomfoɔ no nyinaa anim. Enti, ɔteaam kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, "Obiara mfiri ha nkɔ." Enti, ɛberɛ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfoɔ no mu biara nni hɔ.
4 Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, "Montwe mmɛn me." Wɔtwe bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔnee me maa wɔde me kɔɔ Misraim no. 5 Mommma biribiara nha mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔnee me maa wɔde mebaa ha. Onyankopɔn na ɔyɛeɛ. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ memmɛgye mo nkwa.
15 Ɔfefee ne nuanom no nyinaa ano suiɛ, na ɛno akyiri no, wɔtumi ne no kasaeɛ.