20 Noa yɛ okuafo a odii kan. Ɔyɛɛ bobeturo. 21 Da bi, ɔnom bobesa no bi bow ma ɔdaa ne ntamadan mu adagyaw. 22 Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagyaw. Ofii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuabarimanom baanu no amanneɛ. 23 Enti Sem ne Yafet faa atade de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyiri de kɔkataa wɔn agya adagyaw so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya nti, wɔanhu nʼadagyaw mu.
24 Bere a Noa ani so tetew no, na ohuu sɛnea ne kaakyiri no ayɛ no, 25 ɔkae se,
"Nnome nka Ham asefo a wɔyɛ Kanaanfo.
Wɔbɛyɛ wɔn nuanom
mu nkoa mu nkoa."