20 Noa yɛ okuafoɔ a ɔdii ɛkan. Ɔyɛɛ bobefuo. 21 Ɛda bi, ɔnom bobesa no bi boroeɛ, ma ɔdaa ne ntomadan mu adagya. 22 Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagya. Ɔfirii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuammarima baanu no amaneɛ. 23 Enti, Sem ne Yafet faa atadeɛ de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyire de kɔkataa wɔn agya adagya so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya enti, wɔanhunu nʼadagya mu.
24 Ɛberɛ a Noa ani so tetee no, na ɔhunuu deɛ ne kaakyire no ayɛ no, 25 ɔkaa sɛ,
"Nnome nka Ham asefoɔ a wɔyɛ Kanaanfoɔ.
Wɔbɛyɛ wɔn nuanom
mu nkoa mu nkoa."