8 Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mmabarima a wɔka ne ho no se, 9 "Nnɛ, me ne mo ne mo asefo a wɔbɛwo wɔn no 10 ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a na wɔwɔ mo nkyɛn wɔ Adaka no mu yɛ apam: nnomaa, nyɛmmoa ne wuram mmoa a wɔne mo fi Adaka no mu bae no nyinaa, ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase so. 11 Me ne mo yɛ mʼapam sɛ: Meremfa nsuyiri nsɛe abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyiri nsɛe asase bio da."
12 Na Onyankopɔn kae se, "Eyi ne apam a me, Onyankopɔn, ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu biara a wɔka mo ho no ne nkyirimma nyinaa reyɛ no ho nsɛnkyerɛnne. 13 Mato me nyankontɔn wɔ omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam.