Pular para o conteúdo
Publicidade

Zacarias 2

Onipa A Okura Susuhama No

1 Afei memaa mʼani so, na mihuu ɔbarima bi a okura susuhama ogyina mʼanim! 2 Mibisaa no se, "Ɛhe na worekɔ?" Obuae se, "Merekosusuw Yerusalem, ahu ne trɛw ne ne tenten."

3 Na ɔbɔfo a na ɔne me rekasa na kɔe, na ɔbɔfo foforo behyiaa no 4 na ɔka kyerɛɛ no se, "Tu mmirika, ka kyerɛ saa aberante no se, Yerusalem bɛyɛ kuropɔn a enni afasu esiane nnipa ne mmoa dodow a wɔwɔ mu nti. 5 Na mʼankasa mɛyɛ ogya fasu, atwa ho ahyia,sɛnea Awurade se ni, na mayɛ ne mu anuonyam.

6 "Mommra! Mommra! Munguan mfi atifi asase no so," Awurade se ni, "Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa anan no," sɛnea Awurade se ni.

7 "Mommra, Sion! Munguan, mo a mote Ɔbabea Babilonia!" 8 Efisɛ sɛɛ na Asafo Awurade se, "Onuonyamfo no asoma me akotia aman a wɔafow mo nneɛma no akyi no, nea ɔde ne nsa bɛka mo biara no de nsa aka AWURADE aniwa nkesua. 9 Nokware, mɛma me nsa so de atia wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nkoa bɛfom wɔn nneɛma. Na ɛbɛma moahu Asafo Awurade na wasoma me.

10 "Teɛ mu na ma wʼani nnye, Ɔbabea Sion. Efisɛ, mereba, na mene mo bɛtena," sɛnea Awurade se ni. 11 "Aman bebree bɛka Awurade ho saa da no na wɔabɛyɛ me nkurɔfo. Me ne mo bɛtena, na mubehu , Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. 12 Awurade bɛfa Yuda nʼagyapade asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio. 13 Monyɛ komm Awurade anim, adesamma nyinaa, efisɛ wakanyan ne ho ne tenabea kronkron ."

Veja também