Publicidade

Apocalipse 11

Adansefoɔ Baanu No

1 Wɔmaa me susudua bi a ɛte poma, na wɔka kyerɛɛ me , "Sɔre na susu Onyankopɔn asɔredan no ne afɔrebukyia no na kan wɔn a wɔresom asɔredan no mu no. 2 Nanso, mfa asɔredan no adihɔ nka ho, ɛfiri , wɔde ama amanamanmufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu. 3 Mɛsoma mʼadansefoɔ baanu a wɔfirafira ayitoma, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahanu ne aduosia no mu." 4 Saa adansefoɔ baanu no ne ngo dua mmienu no ne nkaneadua mmienu a ɛsi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no. 5 Egya firi wɔn anom bɛkunkum atamfoɔ biara a wɔpɛ wɔha wɔn no. Ɛno enti, obiara a ɔpɛ ɔha wɔn no, wɔbɛkum no. 6 Wɔwɔ tumi ɛberɛ a wɔreka Onyankopɔn asɛm no, wɔto soro mu, a osuo rentɔ. Wɔwɔ tumi wɔde ɔhaw bɛto asase so mpɛn dodoɔ biara a wɔpɛ.

7 Na wɔka wɔn asɛm no wie a, aboa a ɔbɛfiri bunu no mu apue no ne wɔn bɛko. Ɔbɛdi wɔn so akum wɔn 8 na wɔn amu no agu kuro kɛseɛ no abɔntene so, baabi a wɔbɔɔ wɔn Awurade nnadewa mu asɛnnua no so a ɛhɔ din pa de Sodom ne Misraim no. 9 Na nnipa a wɔfiri aman so ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma ɛkwan mma wɔnsie wɔn. 10 Asase so nnipa ani bɛgye saa nnipa baanu no awuwu. Wɔbɛgye wɔn ani na wɔakyɛ wɔn ho akyɛdeɛ ɛfiri , saa adiyifoɔ baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofoɔ so.

11 Nanso, nnansa akyi no, Honhom a ɔfiri Onyankopɔn bɛwura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛseɛ bɛka obiara a ɔbɛhunu. 12 Afei, nne a ano den firi ɔsoro bɛka , "Mommra ɔsoro ha." Na ɛberɛ a wɔn atamfoɔ rehwɛ wɔn no, wɔnam omununkum mu kɔɔ ɔsoro.

13 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, asase wosoo dendeenden. Kuro no nkyɛmu edu mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ asasewosoɔ no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no kɛseyɛ.

14 Ɔhaw a ɛtɔ so mmienu no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛre na ɔhaw a ɛtɔ so mmiɛnsa aba.

Totorobɛnto A Ɛtɔ So Nson

15 Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson hyɛnee ne totorobɛnto, na nne denden ɔsoro kaa ,

"Tumi a wɔde di ewiase so seesei no

yɛn Awurade ne ne Kristo no dea,

na ɔbɛdi ɔhene daa daa."

16 Afei, mpanimfoɔ aduonu ɛnan a wɔte wɔn ahennwa so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutu fam, somm Onyankopɔn, 17 kaa ,

"Yɛda wo ase, Otumfoɔ Onyankopɔn,

wo a wowɔ na wowɔ dada,

woafa wo tumi kɛseɛ,

na wahyɛ aseɛ redi ɔhene.

18 Amanaman no bo fuiɛ,

ɛfiri wʼabofuo berɛ no aduru

a ɛsɛ wɔbu awufoɔ atɛn.

Ɛberɛ a ɛsɛ wobɔ wo nkoa adiyifoɔ no aba so

ne wo nkurɔfoɔ a wɔdi wo din ni no,

akɛseɛ ne nketewa.

Ɛberɛ aduru wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!"

19 Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ ɔsoro no bueɛ maa wɔhunuu adaka a apam no mu no asɔredan no mu. Afei, anyinam ne aprannaa paapaee, ɛnna asase wosoeɛ na asukɔtweaa bebree nso tɔeɛ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-