Pular para o conteúdo
Publicidade

Adiyisɛm 14

Ɛdwom Foforɔ

1 Afei, mehwɛeɛ na mehunuu Odwammaa no gyina Sion bepɔ so. Na nnipa ɔpeha aduanan ɛnan ka ne ho a wɔatwerɛ ne din ne nʼAgya din wɔn moma so. 2 Na metee nne bi firi ɔsoro a na ɛworo so te nsuworoeɛ a ano den, na ɛte aprannaa. Ɛnne a meteeɛ no te dwom a sankubɔfoɔ bi rebɔ ne sankuo so. 3 Wɔtoo dwom foforɔ bi ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no anim. Nnipa ɔpeha aduanan ɛnan a wɔagye wɔn afiri asase so no nko ara na wɔtumi suaeɛ. 4 Wɔyɛ mmarima bi a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu. Baabiara a Odwammaa no bɛkɔ no na wɔdi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu na wɔne nnipa a wɔdi ɛkan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Odwammaa no. 5 Wɔnka atorɔsɛm, na mfomsoɔ nni wɔn ho.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também