11 Afei, mehunuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no edin de "Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ." Nokorɛ na ɔgyina so bu atɛn na ɔko ne ko. 12 Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛrederɛ na ɔhyɛ ahenkyɛ bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu ne ho, nanso na obiara nnim edin no nkyerɛaseɛ ka ne ho. 13 Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne "Onyankopɔn Asɛm" 14 Ɔsoro asraafoɔ a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani te a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi. 15 Akofena a ano yɛ nnam yie a ɔde bɛdi aman so firii nʼanom baeɛ. Dadeɛ poma na ɔde bɛdi wɔn so. Sɛdeɛ wɔtiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamena mu no so no, saa ara na ɔbɛtiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Otumfoɔ no abufuo. 16 Na wɔatwerɛ edin agu nʼatadeɛ mu ne ne srɛ ho sɛ:
ahene mu ɔhene ne awuranom mu awurade.