Onyankopɔn Asomfoɔ Kann
1 Yei akyi no, mehunuu abɔfoɔ baanan sɛ, wɔgyinagyina asase ntweaa nan no so a wɔretwe mframa nan a ɛwɔ asase so no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne ɛpo so ne baabiara. 2 Ɛnna mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔfiri apueeɛ reba a ɔkura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne ɛpo no. 3 Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, "Monnsɛe asase ne ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde nsɔano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfoɔ no agyiraeɛ." 4 Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔano hyɛɛ wɔn agyiraeɛ wɔ wɔn moma so no dodoɔ. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔpeha aduanan ɛnan, a wɔn nyinaa firi Israel mmusuakuo no mu.
5 Yuda abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Ruben abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Gad abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
6 Aser abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Naftali abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Manase abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
7 Simeon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Lewi abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Isakar abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
8 Sebulon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Yosef abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Benyamin abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).