Publicidade

Atos 13

1 Adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no "Onipa Tuntum," Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode atipɛnfoɔ, ne Saulo. 2 Ɛberɛ a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn , "Monyi Barnaba ne Saulo na wɔnkɔdi dwuma a ɛno enti mafrɛ wɔn no mma me." 3 Wɔdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ, de wɔn nsa guu wɔn so, somaa wɔn.

Barnaba Ne Saulo Kipro

4 Honhom Kronkron somaa wɔn no, wɔkɔɔ Seleukia. Wɔfiri no, wɔtoaa wɔn akwantuo no so kɔduruu Kipro. 5 Wɔduruu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm Yudafoɔ hyiadan mu. Saa ɛberɛ no, na Yohane Marko ka wɔn ho ɔsomfoɔ.

6 Wɔtwaam supɔ no so kɔduruu Pafo, na ɛhɔ na wɔhyiaa Yudani nkonyaayifoɔ bi a ɔfrɛ ne ho odiyifoɔ a na ne din de Bar-Yesu. 7 Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔ no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na ɔnim nyansa yie no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri , na ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm atie. 8 Nanso, nkonyaayifoɔ Bar-Yesu a, Hela kasa mu wɔfrɛ no Elima no ampene so, ɛfiri , na ɔmpɛ amrado yi bɛtie Onyankopɔn asɛm. 9 Afei, Honhom Kronkron bɛhyɛɛ Saulo a ne din de Paulo no ma maa ɔhwɛɛ nkonyaayifoɔ Elima dinn kaa , 10 "Ɔbonsam ba a ɔte wo! Wommpɛ ade pa biara yie. Nnaadaa ahodoɔ ahyɛ wo ma. Ɛberɛ biara, wopɛ wodane Awurade nokwasɛm ani ma ɛyɛ nkontomposɛm! 11 Awurade bɛtwe wʼaso ama wʼani afira a worenhunu adeɛ firi saa ɛberɛ yi de kɔsi berɛ bi."

Ɛhɔ ara Elima ani firaeɛ a na ɔde ne nsa rekeka ɔbɛnya obi asɔ ne mu anaa. 12 Amrado no hunuu asɛm a asi no, ɔgyee Awurade asɛm no diiɛ. Awurade ho asɛm a ɔteeɛ no maa ne ho dwirii no.

Asomafoɔ No Kɔduru Antiokia

13 Paulo ne nʼahokafoɔ no tenaa ɛhyɛn mu firii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaa wɔn sane kɔɔ Yerusalem. 14 Wɔfiri Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Ɛduruu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomeeɛ. 15 Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifoɔ no nsɛm wieeɛ no, hyiadan no mu mpanimfoɔ no soma kɔka kyerɛɛ wɔn , "Anuanom, mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan moka."

16 Afei, Paulo sɔre gyinaeɛ, nyamaa ne nsa hyɛɛ aseɛ kasaa , "Me nuanom Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no, montie me! 17 Israel Onyankopɔn yii yɛn nananom ma wɔyɛɛ ɔman kɛseɛ ɛberɛ a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛseɛ so yii wɔn firii Misraim, 18 na ɔhwɛɛ wɔn so ɛserɛ so mfeɛ aduanan. 19 Ɔsɛee amanaman nson Kanaan asase so na ɔde asase no maa ne nkurɔfoɔ, 20 maa wɔtenaa so mfeɛ ahanan ne aduonum. Yei akyi no, ɔmaa atemmufoɔ dii wɔn so kɔsii Odiyifoɔ Samuel baeɛ. 21 Ɛberɛ a wɔpɛɛ wɔnya ɔhene ma ɔdi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ɔfiri Benyamin abusua mu no maa wɔn maa ɔdii wɔn so mfeɛ aduanan. 22 Onyankopɔn tuu Saulo adeɛ so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne , Mahunu Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.

23 "Sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ ho no, Yesu a ɔyɛ Dawid aseni no na ɔyɛɛ no Israelfoɔ Agyenkwa. 24 Ansa na Yesu rebɛfiri nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakyera ho asɛm kyerɛɛ Israelfoɔ , wɔnsakyera mfiri wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu. 25 Ansa na Yohane rebɛwie nʼasɛnka no, ɔbisaa nnipa no , Mosusu meyɛ hwan? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛre biara, deɛ moretwɛn no no bɛba, na mensɛ mɛworɔ ne mpaboa afiri ne nan.

26 "Me nuanom Abraham asefoɔ ne amanamanmufoɔ a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn enti na Onyankopɔn soma maa wɔde saa nkwagyesɛm yi abrɛ yɛn. 27 Esiane na nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifoɔ no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no enti, wɔbuu Yesu kumfɔ, maa adiyifoɔ no nsɛm no baa mu. 28 Ɛwom wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔsrɛɛ Pilato ɔnkum no. 29 Wɔyɛɛ biribiara a Atwerɛsɛm no ka fa ne ho wieeɛ no, wɔyii no firii asɛnnua no so kɔsiee no. 30 Nanso, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu, 31 ne wusɔreɛ akyi no, na ɔtaa yi ne ho adi kyerɛ wɔn a na wɔne no tu kwan firi Galilea Yerusalem no. Wɔn ne nnipa a wɔdi ne ho adanseɛ kyerɛ Israelfoɔ no.

32 "Afei, yɛwɔ ha yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo , Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre firii awufoɔ mu no so ama a ɔhyɛɛ yɛn nananom no aba mu. 33 Yei ne deɛ wɔatwerɛ Nnwom a ɛtɔ so mmienu mu no ,

" Woyɛ me ba;

ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.

34 Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔmaa no sɔre firii awufoɔ mu na ɔrensane nkɔ porɔeɛ mu no ne ,

" Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho no bɛhyira wo.

35 Wɔaka no baabi nso ,

" Woremma wo Kronkronni no mporɔ.

36 "Dawid ɛberɛ so, ɔsomm Onyankopɔn kɔsii ɔwuiɛ ma wɔsiee no ne nananom nkyɛn pɛɛ, na ɔporɔeɛ. 37 Nanso, deɛ Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no amporɔ.

38 "Anuanom, ɛsɛ mo nyinaa te aseɛ , ɛnam Yesu so na wɔka bɔne fakyɛ ho asɛm kyerɛ mo. 39 Ɛsɛ mote aseɛ , obiara a ɔgye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no. 40 Monhwɛ yie na adiyifoɔ no nkɔm a wɔhyɛɛ yi amma no so:

41 " Mo fɛdifoɔ!

Momma ɛnyɛ mo nwanwa na mo ho nnwiri mo!

Ɛfiri , merebɛyɛ biribi mo berɛ so,

na obi ka kyerɛ mo a,

morennye nni!’ "

42 Paulo ne Barnaba refiri asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn Homeda a ɛreba no, wɔmmra mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio. 43 Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree a wɔasakyera aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafoɔ no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran wɔntena ase Onyankopɔn adom mu.

Asomafoɔ No Amanamanmufoɔ Nkyɛn

44 Homeda a ɛdi so no duruiɛ no, ɛkame ayɛ wɔn a wɔte kuro no mu no nyinaa bɛtiee Awurade asɛm. 45 Yudafoɔ no hunuu nnipakuo no, wɔn ani bereeɛ, ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnyeɛ, kasa tiaa no.

46 Nanso, Paulo ne Barnaba de akokoɔduru kɔɔ so kaa , "Mone nnipa a ɛsɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane. Na moapo, na mommu mo ho nkwa a ɛnni awieeɛ ho hia mo enti a, yɛbɛgya mo akɔ amanamanmufoɔ no nkyɛn. 47 Ahyɛdeɛ a Awurade de ama yɛn ne ,

"Mɛma mo ayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea;

ɛnam mo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.’ "

48 Amanamanmufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyeeɛ na wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a ɛnni awieeɛ no bɛyɛɛ agyidifoɔ.

49 Na Awurade asɛm no trɛɛ ɔmantam no mu nyinaa. 50 Nanso, Yudafoɔ no tuu nnipa atitire a wɔwɔ kuro no mu no ne mmaa Nyamesurofoɔ a na wɔwɔ bi a wɔdi mu no aso maa wɔtaa Paulo ne Barnaba, pamoo wɔn firii ɔman no mu. 51 Nanso, asomafoɔ no poroporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn so firii kɔɔ Ikoniom. 52 Anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafoɔ a na wɔwɔ Antiokia no ma.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-