Petro Kasa Kyerɛ Dɔm No
14 Petro ne asomafoɔ dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa dendeenden kyerɛɛ nnipa no sɛ, "Me nuanom Yudafoɔ ne mo a mote Yerusalem nyinaa, montie asɛm a mereka yi. 15 Saa nnipa yi mmoboroo nsã sɛdeɛ mosusu no, ɛfiri sɛ, adeɛ nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsã boro. 16 Asɛm a asi yi na odiyifoɔ Yoɛl hyɛɛ ho nkɔm sɛ:
17 " ‘Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no,
mɛhwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.
Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm,
mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ.
Na mo mpanin nso asoso adaeɛ.
18 Saa mmerɛ no mu no,
mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ mpo so,
mmarima ne mmaa, ama wɔahyɛ nkɔm.
19 Mede mogya ne ogya ne wisie kumɔnn
bɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ
wɔ ɔsoro ne asase so.
20 Ansa na Awurade da kɛseɛ no bɛba no,
owia bɛduru sum
na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.
21 Na obiara a ɔbɛbɔ
Awurade din no bɛnya nkwa.’
22 "Israelfoɔ, montie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a ɔbɛdiiɛ no daa adi wɔ tumi ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn nam ne so yɛeɛ a mo ankasa di ho adanseɛ no mu. 23 Onyankopɔn ankasa firi ne pɛ ne ne nhunumu mu sii no gyinaeɛ sɛ wɔbɛyi Yesu ama mo, na mode no maa nnebɔneyɛfoɔ ma wɔbɔɔ no asɛnnua mu kumm no. 24 Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu maa ɔyii no firii owuyea mu, ɛfiri sɛ, owuo antumi anni ne so." 25 Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ,
"Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.
Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti,
merenhinhim da.
26 Ɛno enti, me kra ani gye, na me de me tɛkrɛma di ahurisie.
Me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu.
27 Ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu.
Na woremma wo Kronkronni no mporɔ.
28 Woakyerɛ me nkwagyeɛ ɛkwan;
na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.
29 "Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne damena da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. 30 Na ɔyɛ odiyifoɔ a ɔnim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ bi sɛ ɔbɛyɛ Dawid aseni ɔhene, sɛdeɛ Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ. 31 Dawid hunuu deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no, ɔkasa faa owusɔreɛ a ɛfa Agyenkwa no ho sɛ, ‘Wɔannya no awufoɔ mu. Ne honam nso amporɔ.’ 32 Onyankopɔn anyane saa Yesu yi afiri owuo mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho adansefoɔ. 33 Wɔahyɛ no animuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnneɛ na mohunu na mote yi. 34 Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom, ɔkaa sɛ,
" ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ,
"Tena me nsa nifa so ha,
35 kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ
bɛyɛ wo nan ntiasoɔ." ’
36 "Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hunu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu."
37 Ɛberɛ a nnipa no tee saa asɛm yi no, ɛhaa wɔn yie. Enti, wɔbisaa Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ, "Anuanom, ɛdeɛn na yɛnyɛ?"
38 Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Monnu mo ho na wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no. 39 Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa."
40 Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn sɛ, "Monnye mo ho mfiri asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfoɔ yi so no mu." 41 Wɔn mu dodoɔ no ara gyee asɛm no diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ɛda no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifoɔ no ho.