Pular para o conteúdo
Publicidade

Atos 2

41 Wɔn mu dodoɔ no ara gyee asɛm no diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ɛda no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifoɔ no ho.

Asafo No Asetena

42 Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa sua asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ. 43 Asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree maa obiara a ɔhunuiɛ no ho dwirii no. 44 Agyidifoɔ no nyinaa kɔɔ so tenaa ase nnipa korɔ, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahodeɛ mu momaa wɔn ho wɔn ho. 45 Wɔtɔn wɔn ahodeɛ kyekyɛɛ sika a wɔnya firii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ ɛho hia obiara. 46 Daa na wɔbɔ mu hyia asɔredan mu de anigyeɛ ne akoma pa mu didi wɔn afie mu, kamfo Onyankopɔn, nya animuonyam nnipa anim. 47 Ɛda biara na Awurade de wɔn a ɔgye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.

Veja também