Publicidade

Atos 24

Wɔdi Paulo Asɛm Felike Anim

1 Nnanum akyi no, Ɔsɔfopanin Anania ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ bi a ne din de Tertulo kɔɔ Kaesarea. Wɔduruu no, wɔkɔɔ Amrado Felike nkyɛn de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no too nʼanim. 2 Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro , "Onimuonyamfoɔ! Esiane wo nimdeɛ ne wʼakwankyerɛ pa enti, ɛfiri ɛberɛ a wobaeɛ yi, nsakraeɛ pa pii aba yɛn ɔman yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn. 3 Baabiara a yɛwɔ no, yɛka yei ho asɛm na yɛn ani deɛ woayɛ ama yɛn no da wo ase papaapa. 4 Mempɛ mesɛe wo berɛ enti mesrɛ wo nya berɛ tiawa bi ma me na tie asɛm a merebɛka afa saa ɔbarima yi ho no.

5 "Yɛahunu saa ɔbarima yi ɔmammɔfoɔ a ɔde basabasayɛ ba Yudafoɔ nyinaa mu. Ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin. 6 Ɔpɛɛ ɔgu asɔredan no ho fi. Ɛno enti, yɛkyeree no yɛɛ yɛn adwene anka yɛbɛfa yɛn mmara so abu no atɛn. 7 Nanso, Ɔsafohene Lisia bɛgyee no firii yɛn nsam abrane so, 8 hyɛɛ wɔmmɛdi nʼasɛm wʼanim. wobisa no a, wo ara ankasa wobɛhunu nsɛm a yɛreka afa ne ho no nyinaa nokorɛ."

9 Yudafoɔ no nso foaa nsɛm a wɔkaeɛ no so, ɛyɛ nokorɛ.

Paulo Yi Ne Ho Ano

10 Afei, Amrado no maa Paulo kwan ɔnyi ne ho ano. Paulo yii ne ho ano , "Menim woyɛɛ ɔman yi so ɔtemmufoɔ akyɛre, ɛno enti, megyina wʼanim reyi me ho ano a, mensuro. 11 Sɛdeɛ ebia woate no, ɛbɛyɛ nnafua dumienu ni a mekɔɔ Yerusalem, kɔɔ asɔredan mu merekɔsom. 12 Yudafoɔ a wɔde me baa ha yi anhunu me me ne obi regye akyinnyeɛ asɔredan mu anaasɛ meretu nnipa aso hyiadan mu anaa ɔman no mu baabiara. 13 Saa ara nso na wɔrentumi nkyerɛ , nsɛm a wɔreka ato me so yi nyinaa nokorɛ. 14 Nanso, megye tom me ne nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho a Yudafoɔ yi kasa tia wɔn no som yɛn Agyanom Onyankopɔn. Na megye nsɛm a wɔatwerɛ Mose mmara no ne adiyifoɔ nwoma no mu no nso medi. 15 Mewɔ anidasoɔ a saa nnipa yi nso Onyankopɔn mu da bi, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa bɛsɔre afiri owuo mu. 16 Yei enti, da biara mebɔ mmɔden mede ahonim pa bɛbɔ me bra Onyankopɔn ne nnipa anim.

17 "Mfeɛ bebree akyi a mefirii Yerusalem no, mesane mebaa mede ayɛyɛdeɛ rebrɛ me nuanom na mabɔ afɔdeɛ. 18 Ɛberɛ a madwira me ho awie na megu so rebɔ aseda afɔdeɛ asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi hunuu me. Na matwitwa me tirinwi sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Saa ɛberɛ no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba. 19 Saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bi a wɔfiri Asiaman mu . Wɔn na anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a, ɛsɛ wɔka. 20 saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wɔgyina so buu me agyinatufoɔ no anim a, wɔnka. 21 Asɛm baako na megyina wɔn anim no, mekaeɛ. Saa asɛm no ne , Gyidie a mewɔ awufosɔreɛ no mu enti na megye di morebu me atɛn ɛnnɛ.’ "

22 Felike a na ɔnim ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no yie no tuu asɛm no hyɛɛ da, kaa , "Ɔsafohene Lisia ba a, mɛdi wʼasɛm no." 23 Ɔhyɛɛ ɔsraani panin a na ɔhwɛ Paulo so no ɔmma wɔnwɛn no, nanso wɔmma no ahotɔ kakra. Na ne nnamfonom de biribiara a ɛho hia no no rebrɛ no a, wɔmma ho kwan.

Paulo Gyina Felike Ne Drusila Anim

24 Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani no baeɛ. Ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Paulo brɛɛ no maa ɔbɛkaa gyidie a ɔwɔ Kristo Yesu mu no kyerɛɛ wɔn. 25 Paulo reka tenenee, ahosohyɛ ne Atemmuo da ho asɛm no, Felike suroeɛ enti ɔkaa , "! Akyire yi, menya adagyeɛ a, mɛsoma mabɛfrɛ wo." 26 Na Felike ani da so Paulo bɛma no sika na wagyaa no, ɛno enti, na ɔma wɔtaa kɔfrɛ no ntiantia mu ba ne nkyɛn ne no nkɔmmɔ no.

27 Mfeɛ mmienu akyi no, Porkio Festo bɛsii Felike ananmu amrado. Esiane na Felike ɔsɔ Yudafoɔ no ani no enti, ɔgyaa Paulo afiase .

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-