Publicidade

Atos 3

Obubuafoɔ Bi Ayaresa

1 Ɛda bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnmiɛnsa a ɛyɛ ɛberɛ a wɔde mpaeɛ. 2 Wɔreyɛ aduru asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ ano no, wɔhunuu obubuafoɔ bi ɔda . Na wɔsoa saa obubuafoɔ yi de no bɛto ɛpono yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika firi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn. 3 Ɛberɛ a ɔhunuu Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn wɔmma no biribi. 4 Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no , "Hwɛ yɛn!" 5 Ɔhwɛɛ wɔn susuu wɔbɛma no biribi.

6 Nanso, Petro ka kyerɛɛ no , "Sika de, menni bi; na deɛ mewɔ a mede bɛma wo ne , Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nante!" 7 Afei, Petro de ne nsa nifa sɔɔ ne mu maa ne so gyinaa . Prɛko , ne nan no mu yɛɛ den. 8 Ɔhuri gyinaa ne nan so, na ɔhyɛɛ aseɛ nanteeɛ. Afei, ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehurihuri, rekamfo Onyankopɔn. 9 Nnipa no nyinaa hunuu no ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ. 10 Wɔhunuu no no, wohunuu ɔno ne ɔdesrɛni a na ɔda asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ no ano no, wɔn ho dwirii wɔn.

Petro Kasa Kyerɛ Nnipa No

11 Ɛberɛ a nnipa no hunuu ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwirii wɔn; enti wɔtuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn, baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so . 12 Ɛberɛ a Petro hunuu nnipadɔm no no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Israelfoɔ, adɛn na yei mo nwanwa? Adɛn enti na mohwɛ yɛn, susu yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yadeɛ? 13 Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn ne yɛn nananom Onyankopɔn ama ne ɔsomfoɔ Yesu ɔsoro animuonyam. Mode no maa atumfoɔ; na ɛberɛ a Pilato yɛɛ ɔbɛgyaa no no mpo, mopoo no nʼanim. 14 Na ɔyɛ Kronkron, ɔtene; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato ɔmfa odwotwafoɔ mma mo. 15 Enti, mokumm obi a ɔgye nnipa nkwa mu. Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu na yɛyɛ yei ho adansefoɔ. 16 Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafoɔ yi nyaa ahoɔden. Gyidie a yɛwɔ ne din mu no na ɛmaa yɛtumi yɛɛ saa anwanwadeɛ a mohunu yi. Gyidie a yɛwɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ɔgyina mo anim seesei yi.

17 "Afei, me nuanom, menim deɛ mo ne mo mpanimfoɔ yɛɛ Yesu no, na ɔnim na monnim. 18 Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ so kaa Agyenkwa no bɛhunu amane. Na ɔnam saa ɛkwan yi so maa ɛbaa mu. 19 Monnu mo ho na monni Onyankopɔn akyi, na ɔde mo bɔne akyɛ mo, 20 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Awurade Honhom mu ahoɔden bɛba na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa no a wayi no ama mo dada no. 21 Sɛdeɛ Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ kronkron so aka dada no, ɛsɛ ɔtena ɔsoro kɔsi nneɛma nyinaa bɛyɛ foforɔ. 22 Na Mose kaa , Awurade, mo Onyankopɔn bɛsoma odiyifoɔ aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɔsomaa me a mefiri mo mu no. Ɛsɛ motie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo. 23 Obiara a wantie deɛ odiyifoɔ no bɛka no, wɔbɛyi no afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho na wɔasɛe no.

24 "Samuel ne adiyifoɔ a akyire no wɔbaeɛ no nyinaa nso aka asɛm a asi ɛnnɛ yi ho asɛm pɛn. 25 Onyankopɔn a ɔnam adiyifoɔ so hyɛeɛ no mo dea. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mu. Sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ Abraham , Wʼasefoɔ so na menam mɛhyira ewiasefoɔ nyinaa.26 Enti, Onyankopɔn dii ɛkan yii ne ɔsomfoɔ somaa no baa mo nkyɛn ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnane mfiri mo akwammɔne no so."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-