Pular para o conteúdo
Publicidade

Cânticos 1

1 Salomo nnwom mu dwom.

Ababaawa:

2 Ma ɔmfa nʼano mfeano no mfe mʼano,

ɛfiri wo no ahomeka sene bobesa.

3 Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomeka

wo din te aduhwam a wɔahwie.

Na ɛnyɛ nwanwa mmabaawa no woɔ!

4 Fa me , ma yɛnyɛ ntɛm!

Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam.

Nnamfonom

Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho.

Yɛbɛkamfo wo asene bobesa.

Ababaawa:

wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!

5 Mebiri deɛ, nanso me ho ,

Ao, Yerusalem mmammaa,

mobiri te Kedar ntomadan,

te , Salomo ntomadan mu ntwamutam!

6 Nhwɛ me haa mebirie enti,

ɛfiri awia na ayɛ me saa.

Memaa mmammarima bo fuu me

enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so;

na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo.

7 Kyerɛ me me dɔfoɔ,

faako a wode wo nnwankuo adidi

na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home.

Adɛn enti na ɛsɛ meyɛ ɔbaa a wakata nʼanim

wo nnamfonom nnwankuo ho?

Nnamfonom

8 wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no,

fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so

na fa wo mpapo mma adidi

nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.

Aberanteɛ:

9 Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ

a wɔde ahoma asa no Farao nteaseɛnam baako ho.

10 Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ ,

na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.

11 Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ nsomuadeɛ

a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.

Ababaawa:

12 Ɛberɛ a ɔhene te nʼadidi ɛpono ho no,

nʼaduhwam hwa no gyee .

13 Me dɔfoɔ ayɛ me kurobo1.13 Krobo yɛ aduhwam bi a wɔnya firi "balsam" dua a ebi wɔ Etiopia, Ntam Po ne India. Nnipa de yɛ wɔn ho ma wɔn ho yɛ hwam. toa

a ɛda me nufu ntam.

14 Me dɔfoɔ ayɛ me nhwiren boa a ayɛ frɔmm

En-Gedi1.14 En-Gedi yɛ kwaeɛ a ɛwɔ ɛserɛ so wɔ Nkyene Po atɔeɛ fam a afifideɛ a ɛyɛ hwam bebree wɔ. bobe turo mu.

Aberanteɛ:

15 Me dɔfoɔ, wo ho !

Ao, ahoɔfɛ nie

wʼaniwa aba te aborɔnoma.

Ababaawa

16 Me dɔfoɔ, wo ho !

Ao, ahoɔfɛ nie

yɛn mpa so akɔnɔakɔnɔ.

Aberanteɛ:

17 Yɛn fie mpunan ntweneduro;

yɛn nsamsoɔ pepeaa.

Veja também