Pular para o conteúdo
Publicidade

Cânticos 2

Ababaawa:

1 Meyɛ Saron nhwiren2.1 Yɛhunu Saron nhwiren wɔ Karmel mpoano anafoɔ fam.

ne bɔnhwa mu sukooko.

Aberanteɛ:

2 Sɛdeɛ sukooko a ɛwɔ nkasɛɛ mu teɛ no

saa ara na me dɔfoɔ te mmabaawa mu.

Ababaawa:

3 Sɛdeɛ aprɛ teɛ kwaeɛ mu nnua mu no

saa ara na me dɔfoɔ teɛ mmaranteɛ mu.

metena ne nwunu mu a, menya ahomeka

na nʼaba nso mʼanom .

4 Ɔde me akɔ apontoɔ ase,

na mʼahyɛnsodeɛ ɔdɔ.

5 Momma me bobe aba na menya ahoɔden,

momma me aprɛ na ɛnnwodwo me,

ɛfiri ɔdɔ ama matɔ baha.

6 Ne nsa benkum da mʼatikɔ,

na ne nsa nifa aka me afam ne bo.

7 Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo ,

Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nka ntam

morennyane, na morenhwanyane ɔdɔ mu

kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.

8 Tie! Me dɔfoɔ!

Hwɛ! Ɔno na ɔreba no,

ɔrehurihuri mmepɔ no so

na ɔbɔ pentenkwa nkokoɔ no so.

9 Me dɔfoɔ te ɔtwe anaa ɔforoteɛ.

Hwɛ! Ɔgyina yɛn ɔfasuo akyi,

ɔhwɛ mpomma no mu,

wagyene nʼani hwɛ ntokua no mu.

10 Me dɔfoɔ kasa kyerɛɛ me ,

"Sɔre, me dɔfoɔ ne mʼahoɔfɛ

na bra me nkyɛn.

11 Hwɛ! Awɔberɛ atwam;

na osutɔ atwam .

12 Nhwiren afifiri asase ani:

nnwontoɔ berɛ aso.

Wɔte mmorɔnoma su

yɛn asase so.

13 Borɔdɔma agu nhyerɛnne;

na bobe hwa agye baabiara.

Sɔre bra, me dɔfoɔ;

mʼahoɔfɛ bra me nkyɛn."

Aberanteɛ:

14 Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuro mu

ahinta mmepɔ so,

ma me nhunu wʼanim;

ma mente wo nne;

wo nne ,

na wʼanim .

15 Monkyekyere sakraman no mma yɛn,

sakraman nketewa no

a wɔsɛe bobe nturo,

yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmm no.

Ababaawa:

16 Me dɔfoɔ me dea, na mewɔ no;

ɔhwehwɛ sukooko no mu.

17 Ɛnkɔsi adeɛ bɛkye

na sunsumma bɛsene akɔ no,

dane wo ho me dɔfoɔ,

na ɔtwewa

anaa ɔforoteɛ a

ɔwɔ nkokoɔ mmɔnkyi mmɔnka no so.

Veja também