Publicidade

Daniel 4

Dua Ho Daeɛso

1 Ɔhene Nebukadnessar,

too saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahodoɔ a ɛwɔ ewiase :

Ɛnsi mo yie mmoroso!

2 Ɛyɛ me anigye mo nyinaa ahunu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Ɔsorosoro Onyankopɔn ayɛ ama me.

3 Hwɛ sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ fa!

Na hwɛ sɛdeɛ tumi a ɛwɔ nʼanwanwadeɛ no mu so fa!

Nʼahennie daa ahennie;

ne tumi tene awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

4 Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfie, medi me ho so na me ho me. 5 Nanso, mesoo daeɛ bi a, ɛbɔɔ me hu yie. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehunu a menyaeɛ no hunahunaa me. 6 Ɛno enti, mehyɛ ma wɔfrɛɛ anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase. 7 Ɛberɛ a nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ no baeɛ no, mekaa daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ. 8 Akyire yi, Daniel (a yɛtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, ɛfiri , na anyame kronkron no sunsum ne mu) baa mʼanim, na mekaa daeɛ no kyerɛɛ no. 9 Meka kyerɛɛ no , "Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, menim , anyame kronkron no sunsum wo mu, ɛno enti, ɛnnyɛ wo den wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me daeɛ no ni, kyerɛ me aseɛ. 10 Ɛberɛ a meda me mpa so no, daeɛ a mesoeɛ ne , mehunuu dua bi a ɛsi asase mfimfini a ɛware tenteenten. 11 Dua no nyini yɛɛ dutan kɛseɛ na ne tentene kɔduruu soro, a wohunu no asase so baabiara. 12 Na ne nhahan frɔmm fɛɛfɛɛfɛ, na aso aba bebree, na ɛso aduane ma obiara. Na wiram mmoa te ne nwunu ase, na ewiem nnomaa nso wɔn pirebuo ne mman mu.

13 "Meda me mpa so no, mehunuu ɔbɔfoɔ kronkron bi a ɔfiri soro reba fam mʼanisoadehunu no mu. 14 Ɔbɔfoɔ no teaam , Twa dua no to fam na twitwa ne mman no nyinaa. Poro ne nhahan no, na to nʼaba no pete. Pam mmoa no firi ne nwunu ase, na pam ewiem nnomaa no firi ne mman so. 15 Nanso gya dunsini no ne ne nhini a dadeɛ ne kɔbere akyekyere, na ɛserɛ atwa ho ahyia no.

" Afei, ma ɔsoro bosuo mfɔ no kyaww, na ma ɔne mmoa ntena wiram. 16 Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.

17 " Asomafoɔ asi gyinaeɛ dada; na akronkronfoɔ abu atɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ateasefoɔ nyinaa bɛte aseɛ , Ɔsorosoroni no na ɔdi ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, mpo, ɔyɛ onipa teta.

18 "Beltesasar, saa daeɛ yi na me Ɔhene Nebukadnessar soeɛ. Afei, kyerɛ me aseɛ, ɛfiri , anyansafoɔ a wɔwɔ mʼahemman mu nyinaa antumi ankyerɛ me aseɛ. Na wo deɛ wobɛtumi akyerɛ me, ɛfiri , anyame kronkron sunsum no wo mu."

Daniel Kyerɛ Daeɛ No Ase

19 Daniel (a wɔsane frɛ no Beltesasar no) tee daeɛ no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwirii no na nʼadwene mu haa no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no , "Beltesasar, mma daeɛ no ne nʼasekyerɛ mmɔ wo hu."

Beltesasar buaa , "Yei deɛ, Nana, anka daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfoɔ so! 20 Ao, Nana, wohunuu dua bi a ɛnyini yɛɛ dutan kɛseɛ a ne tentene kɔduruu soro, na wohunu no asase nyinaa so. 21 Na ne nhahan frɔmm fɛɛfɛɛfɛ a aso aba bebree, na ɛso aduane ma obiara. Na wiram mmoa te ne nwunu ase, na ewiem nnomaa nso wɔn pirebuo ne mman mu. 22 Nana, mesrɛ ka, saa dua no wo. Ɛfiri , woatu mpɔn, ahoɔden so ne kɛseyɛ mu. Wo kɛseyɛ no kɔduru ɔsoro, na wʼadedie no akyirikyiri kɔduru asase ano.

23 "Afei, Nana, wohunuu ɔbɔfoɔ kronkron a ɔfiri soro reba fam, na ɔreka , Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gya dunsini no ne ne nhini a dadeɛ ne kɔbere akyekyere, na ɛserɛ atwa ho ahyia no. Afei, ma ɔsoro bosuo mfɔ no kyaww, na ma ɔne mmoa ntena wiram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.

24 "Daeɛ no asekyerɛ nie, Nana, atɛn a Ɔsorosoroni no abu atia wo no nie. 25 Wɔbɛpam wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa bɛtena wiram. Wobɛwe ɛserɛ te nantwie, na ɔsoro bosuo bɛfɔ wo kyaww. Mfeɛ nson bɛtwa wo tiri so akɔsi , wobɛhunu , Ɔsorosoroni no na ɔdi ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ. 26 Hyɛ a wɔhyɛ ma wɔgyaa dunsini no ne ne nhini no asase mu no kyerɛ , wohunu ɔsoro na ɛdi tumi no a, wo nsa bɛsane aka wʼahemman. 27 Ne saa enti, Ao, Nana Nebukadnessar, mesrɛ wo, tie mʼafotuo. Gyae bɔneyɛ, na deɛ ɛtene. Gyae wʼatirimuɔdensɛm na ahummɔborɔ ma ahiafoɔ, na twe wo ho firi wo tete amumuyɛ no ho. Ebia, woyɛ saa a, wobɛkɔ so adi yie."

28 Na saa nneɛma yi nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so. 29 Abosome dumienu akyi a na ɔretu mpase ahemfie no abansoro atifi Babilonia no, 30 ɔtoo nʼani, hwɛɛ kuro no mu, na ɔkaa , "Ɛnyɛ Babilonia kuro kɛseɛ a mede me tumi akyekyere ayɛ no ɔhempɔn atenaeɛ de ahyɛ mʼahennie animuonyam ni anaa?"

31 Ɛberɛ a ɔgu so reka saa nsɛm no, nne bi firi soro baa , "Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛɛ wo wonnyɛ ɔhene ahemman yi so bio. 32 Wɔbɛpam wo afiri nnipa mu. Wo ne wiram mmoa bɛtena wiram. Na wobɛwe ɛserɛ te nantwie. Mfeɛ nson bɛtwa wo tiri so kɔsi wobɛhunu , Ɔsorosoroni no di ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a, ɔpɛ."

33 Amonom ara nkɔmhyɛ no baa mu. Wɔpamoo Nebukadnessar firii nnipa mu. Ɔwee ɛserɛ te nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ no kyaww. Ɔtenaa saa tebea no mu kɔsii , ne tirinwi yɛɛ atentene te ɔkɔdeɛ ntakra, na nʼabɔwerɛ yɛɛ anomaa bɔwerɛ.

34 Saa ɛberɛ yi twaam no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metontom deɛ ɔte aseɛ daa no meyii no ayɛ :

Ne tumi daa tumi,

Na nʼahennie tene awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

35 Asase so nnipa nyinaa,

wɔmmu wɔn hwee.

Ɔde ɔsoro tumi deɛ ɔpɛ biara.

Na nnipa a ɛwɔ asase so

mu biara ntumi nsi no ɛkwan

anaa ɔmmisa no , "Ɛdeɛn na wɔayɛ yi?"

36 Ɛberɛ a mʼani baa me ho so no, berɛ korɔ no mu ara na me anidie ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me ɔman no animuonyam no baeɛ. Mʼafotufoɔ ne mʼaberempɔn hwehwɛɛ me, na wɔsane de me sii mʼahennie so bio, na mʼanimuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛnee kane no. 37 Afei, me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene animuonyam, de anidie ma no. Ne nneyɛeɛ nyinaa , na ɛyɛ nokorɛ, na ɔbɛtumi abrɛ ahantanfoɔ ase.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-