Habakuk Anwiinwii
2 Ao, Awurade, memfrɛ mmisa mmoa nkɔsi da bɛn,
a nso wontie me?
Meteam mefrɛ wo, akakabensɛm enti,
nanso womma mmɛgye me.
3 Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyea?
Adɛn enti na wotena bɔne ho?
Ɔsɛeɛ ne akakabensɛm da mʼanim,
basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ahyia.