Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 1

Yesu Awoɔ Ho Nkɔmhyɛ

26 Elisabet nyinsɛnee abosome nsia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase 27 , ɔnkɔ ɔbaa kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ɔfiri Ɔhene Dawid abusua mu no awadeɛ no nkyɛn. 28 Gabriel hunuu no ara , ɔka kyerɛɛ no , "Asomdwoeɛ nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo."

29 Ɔbɔfoɔ no asɛm no maa Maria adwenem yɛɛ no nnaa ma ɔbisaa ne ho , "Na saa nkyea yi, ase ne sɛn?" 30 Ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Maria bio , "Maria, nsuro, ɛfiri , Awurade adom wo. 31 Tie! Ɛrenkyɛre biara wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu. 32 Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nana Dawid ahennwa no bɛma no. 33 Na ɔbɛdi Yakob efie so ɔhene daa; na nʼahennie to rentwa da."

34 Maria bisaa ɔbɔfoɔ no , "Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo ɛberɛ a ɔbarima nhunuu me da?"

35 Ɔbɔfoɔ no buaa , "Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Onyankopɔn tumi abɛkata wo so, yei enti abɔfra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba. 36 Ɛbɛyɛ abosome nsia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonini anyinsɛn ɔbabarima ne mmerewaberɛ mu. 37 Ɛfiri , Onyankopɔn deɛ, biribiara nso no ."

38 Maria kaa , "Me deɛ, meyɛ Awurade afenaa. Deɛ Awurade na ɛnyɛ." Ɛno akyi, ɔbɔfoɔ no gyaa no kɔeɛ.

Veja também