Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 19

Yesu Yerusalem

28 Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔdii nʼasuafoɔ no ɛkan kɔɔ Yerusalem. 29 Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔ so no, ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn , 30 "Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na moduru a, mobɛhunu afunumu ba bi a obiara ntenaa ne so da wɔasa no. Monsane no mfa no mmrɛ me. 31 obi bisa , Adɛn enti na moresane noa, monka nkyerɛ no , Ne ho hia Awurade.’ "

32 Asuafoɔ baanu a wɔkɔeɛ no kɔhunuu aboa no ɔsa sɛdeɛ Yesu kaeɛ no. 33 Ɛberɛ a wɔresane afunumu ba no, ne wuranom bisaa wɔn , "Adɛn enti na moresane aboa no?"

34 Wɔbuaa wɔn , "Ne ho hia Awurade."

35 Asuafoɔ no de afunumu ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntoma sesɛɛ ne so ma ɔtenaa ne so. 36 Yesu te afunumu ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan no so ma ɔfaa so.

37 Ɔduruu Ngo Bepɔ no so baabi a wɔrebɛsiane akɔ Yerusalem no, nʼakyidifoɔ no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ Yesu anwanwadeɛ ahodoɔ a wayɛ no ho ,

38 "Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!"

"Asomdwoeɛ ne animuonyam nka Onyankopɔn ɔsorosoro nohoa!"

39 Farisifoɔ no bi a na wɔfra nnipakuo no mu no ka kyerɛɛ Yesu , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, kasa kyerɛ wʼakyidifoɔ no na wɔmmua wɔn ano!"

40 Yesu buaa wɔn , "wɔmua wɔn ano koraa a, aboɔ mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ."

Veja também