Yesu Kristo Mpanimfoɔ
1 Yesu Kristo a ɔfiri Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanimfoɔ din na ɛdidi soɔ yi:
2 Abraham ba ne Isak,
Isak ba ne Yakob;
Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom.
3 Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn maame ne Tamar.
Peres ba ne Hesron
ɛnna Hesron nso ba ne Ram.
4 Ram woo Aminadab;
Aminadab woo Nahson;
Nahson nso woo Salmon.
5 Salmon ne ne yere Rahab woo Boas;
Boas ne ne yere Rut woo Obed;
Obed nso woo Yisai.
6 Yisai ba ne Ɔhene Dawid.
Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo.
7 Salomo woo Rehoboam;
Rehoboam woo Abia;
Abia woo Asa.
8 Asa woo Yehosafat;
Yehosafat woo Yoram,
Yoram nso woo Usia
9 Usia ba ne Yotam;
Yotam ba ne Ahas:
Ahas ba ne Hiskia.
10 Hiskia ba ne Manase,
Manase ba ne Amon;
Amon nso ba ne Yosia.
11 Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn ɛberɛ a na Yudafoɔ te nnommum mu wɔ Babilon no.
12 Wɔn a wɔfiri Babilon nnommum mu baeɛ no akyi awoɔ ntoatoasoɔ nie:
Yekonia woo Sealtiel;
Sealtiel woo Serubabel.
13 Serubabel woo Abihud;
Abihud woo Eliakim;
Eliakim nso woo Asor.
14 Asor ba ne Sadok;
Sadok ba ne Akim;
Akim ba ne Elihud.
15 Elihud ba ne Eleasa;
Eleasa ba ne Matan.
Matan nso ba ne Yakob;
16 Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo.
17 Awoɔ ntoatoasoɔ a ɛfiri Abraham so de bɛsi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Ɛfiri Ɔhene Dawid so de bɛsi ɛberɛ a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awoɔ ntoatoasoɔ yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na ɛfiri ɛberɛ a wɔtu firii Babilon sane baa wɔn ɔman mu bio no de bɛsi Kristo awoɔ so nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan.