Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 14

Yohane Osubɔni Kum

1 Ɛberɛ no mu ara na Herode a na ɔdi ɔhene Galilea no tee Yesu nka. 2 Ɔtee Yesu nka no, deɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ ne , "Ɛnyɛ obiara Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu. Yei enti na wanya tumi foforɔ de reyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ yi."

3 Saa ɛberɛ no na Herode ama wɔakyere Yohane Osubɔni ato afiase, ɛfiri , na wakasa atia Herodia ne Herode awadeɛ no 4 , Herode aware ne nua Filipo yere. 5 Herode pɛɛ ɔkum Yohane. Nanso na ɔsuro , ɔkum no a, basabasa bɛba ɔman no mu. Ɛfiri , na nnipa no nyinaa bu Yohane odiyifoɔ.

6 Ɛbaa na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase Herodia babaa bɛsa ma ɛyɛɛ Herode . 7 Yei maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no , ɔmmisa deɛ ɔpɛ biara na ɔde bɛma no. 8 Ababaawa yi maame Herodia tuu no fo , "Mmisa biribiara, gye Yohane ti a wɔatwa ato prɛte mu." 9 Herode tee asɛm yi no, ɛyɛɛ no ya, ma ɛhaa no. Nanso, ɛsiane ntam a waka nnipa a wɔahyia no anim no enti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ deɛ ababaawa no hwehwɛ no maa no. 10 Herode soma ma wɔkɔtwaa Yohane ti afiase . 11 Wɔde ti a wɔatwa no too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame. 12 Yohane asuafoɔ no bɛfaa nʼamu no kɔsiee no. Yei akyi, wɔkɔbɔɔ Yohane wuo no ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu.

Yesu Ma Nnipa Mpemnum Aduane

13 Yesu tee Yohane Osubɔni wuo no, ɔtee ne ho kɔtenaa baabi a obiara nni . Nnipa tee ne nka maa wɔnam fam firi wɔn nkuro ne wɔn nkuraaseɛ tii no kɔɔ deɛ ɔwɔ . 14 Yesu firii kodoɔ no mu baa deɛ nnipa no no. Ɔhunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Yei ma ɔsaa ayarefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no yadeɛ.

15 Anim rebiribiri no, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Adeɛ asa awie. Aduane biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kuro biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduane ntɔ nni nkuro no bi so."

16 Yesu buaa wɔn , "Ɛho nhia wɔkɔ; momma wɔn aduane nni!"

17 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no , "Deɛ yɛwɔ nyinaa burodo enum ne mpataa mmienu ."

18 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Momfa mmrɛ me." 19 Afei, ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase ɛserɛ no so. Ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ, hyiraa aduane no so. Afei, ɔbubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. 20 Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu. 21 Mmarima a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnum a mmaa ne mmɔfra nka ho.

Yesu Nante Nsuo Ani

22 Nnipadɔm no didi wieeɛ , Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , wɔntena kodoɔ no mu nni ɛkan ntwa nkɔ asuogya nohoa na ɔno deɛ, ɔretena agya nnipa no kwan. 23 Ɔgyaa wɔn ɛkwan wieeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ bi so kɔbɔɔ mpaeɛ. Onwunu dwoeɛ no, na aka Yesu nko ara deɛ ɔwɔ . 24 Saa ɛberɛ no, na kodoɔ a na asuafoɔ no te mu no aduru akyiri. Mframa hyɛɛ aseɛ bɔɔ denden maa ɛpo no bɔɔ asorɔkye dweradweraa kodoɔ no a na asuafoɔ no te mu no.

25 Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan berɛ mu no, Yesu nam ɛpo no ani baa asuafoɔ no nkyɛn. 26 Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi ɔnam nsuo no ani reba wɔn nkyɛn no wɔsuroeɛ, ɛfiri , na wɔsusu wɔahunu ɔsaman. Ɛmaa wɔde ehu teateaam.

27 Ntɛm ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Me a. Monnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!"

28 Petro ka kyerɛɛ no , "Awurade, ɛyɛ wo deɛ a, ka kyerɛ me, na me nso memfa nsuo no ani mmra wo nkyɛn."

29 Yesu ka kyerɛɛ Petro , "Bra!"

Petro firii kodoɔ no mu sii nsuo no ani, nantee ɔrekɔ Yesu nkyɛn. 30 Nanso, ɔhunuu mframa a ɛrebɔ no, ne ho popoeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ ɔremem. Ɔteateaam, frɛɛ Yesu , "Awurade, gye me na meremem!"

31 Ɛhɔ ara, Yesu tenee ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro , "Wo a wo gyidie sua, adɛn na wonnye me nnie?"

32 Yesu ne Petro kɔtenaa kodoɔ no mu no, mframa no gyaee . 33 Asuafoɔ a wɔwɔ kodoɔ no mu no de ahodwirie bɛkotoo Yesu kaa , "Onyankopɔn Ba ne wo ampa!"

Genesaret Ayaresa

34 Wɔtwaa asuo no baa Genesaret. 35 Yesu duruu no, ankyɛre na nkuro a atwa Genesaret ho ahyia no nyinaa tee ne nka. Wɔde wɔn ayarefoɔ nyinaa brɛɛ no. 36 Ayarefoɔ no srɛɛ Yesu , ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den.

Veja também