Pular para o conteúdo
Publicidade

Neemias 2

Nehemia Kɔhwɛ Yerusalem Ɔfasuo No

11 Meduruu Yerusalem nnansa akyi no, 12 mefaa nnipa kakra bi kaa me ho, firii anadwo no. Manka nhyehyɛeɛ a Onyankopɔn de ahyɛ mʼakoma mu Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho afunumu a mete ne soɔ no nko.

13 Mefaa Bɔnhwa Ɛpono no ano, twaa Ɔtweaseɛ Abura no ho kɔsii Sumina Ɛpono2.13 Sumina Pono no mu na na Yudafoɔ de mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔdeɛ no fa kɔ Ben-Heinnom subɔnhwa mu (3.13-14; 2 Ah 23.10). no ano, kɔhwɛɛ afasuo ne apono a ahyeɛ no. 14 Afei, mefaa Asutire Ɛpono no ho kɔsii Ɔhene Abura no ho, nanso na mʼafunumu no ntumi mfa mmubuiɛ no mu. 15 Enti, mefaa Kidron Bɔnhwa no ho mmom, kɔhwɛɛ ɔfasuo no ansa na meresane mʼakyi abɛfa Bɔnhwa Ɛpono no mu bio. 16 Na kuropɔn no mu mpanimfoɔ nnim makɔ , na wɔnnim deɛ mereyɛ nso, ɛfiri , na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara. Na me ne asɔre mpanimfoɔ, amanyɛ ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ anaa mmapɔmma no mu biara nkasaeɛ.

Veja também